12
Paulo Anisoadehu
Ɛwɔ mu sɛ ahohoahoa so nni mfaso biara de, nanso ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho. Nanso afei mɛka anisoadehu ne adiyisɛm a Awurade ada no adi akyerɛ me no. Minim Okristoni bi a mfe dunan ni biribi hwim no de no kɔɔ ɔsoro. Minnim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehu. Onyankopɔn nko ara na onim. Miti mu. Minim sɛ wohwim saa ɔbarima yi kɔɔ Paradise. Bio, minnim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehu. Onyankopɔn nko ara na onim. Na hɔ na ɔtee nneɛma bi a wɔde ka nsɛm a ɛnyɛ yiye, nsɛm a wɔmma kwan mma wɔnka. Enti mede saa onipa yi bɛhoahoa me ho na meremfa me ara me ho nhoahoa me ho, gye sɛ nneɛma a ɛda me adi sɛ meyɛ mmerɛw no ho. Sɛ mehoahoa me ho mpo a, anka merenyɛ ɔkwasea, efisɛ nokware ara na meka. Nanso merenhoahoa me ho, efisɛ mempɛ sɛ obiara bu me otitiriw sen sɛnea wahu na wate afi me nkyɛn no. Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnam saa adiyisɛm nwonwaso yi nti meremma me ho so no, wɔsomaa ɔbonsam bɔfo ma ɔde honam mu yaw a emu yɛ den brɛɛ me de brɛɛ me ase. Mebɔɔ eyi ho mpae mprɛnsa kyerɛɛ Awurade na mesrɛɛ no sɛ ɔmma emfi me so nkɔ. Ne mmuae a ɔmaa me ne sɛ, “Mʼadom nko ara na ɛho hia wo, na bere a woayɛ mmerɛw no na me tumi mu yɛ den pa ara.” Enti ɛyɛ me anigye pa ara sɛ mede me mmerɛwyɛ hoahoa me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛte Kristo bammɔ tumi a ɛbɔ me ho ban no nka. 10 Esiane Kristo nti, mepene mmerɛwyɛ, ɔyaw, amanehunu, ɔtaa ne akwanside so. Efisɛ me mmerɛwyɛ mu no na meyɛ den.
11 Meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, nanso mo na moama mayɛ saa. Mo na anka ɛsɛ sɛ mugye me to mu. Na sɛ menyɛ hwee a, ɔkwan biara so no, mennyɛ sɛ abomfiaa wɔ mo anim nsen “Asomafo” a mubu wɔn no. 12 Mede boasetɔ dii dwuma wɔ mo mu de kyerɛɛ sɛ meyɛ ɔsomafo. 13 Dwumadi no bi yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade. Dɛn na ɛma moyɛ asɔre a aka no mu abomfiaa, efisɛ mammisa mo mmoa bi nti? Mesrɛ mo, momfa saa mfomso no nkyɛ me.
14 Afei masiesie me ho sɛ merebɛsra mo nea ɛto so mpɛn abiɛsa, na merenyɛ adesoa mma mo. Mo na mo ho hia me na ɛnyɛ mo ahode. Na mpo mmofra nkora ade mma awofo, awofo mmom na wɔkora ade ma mmofra. 15 Ɛbɛyɛ me anigye sɛ mo nti, mɛhwere nea mewɔ ne mʼadagyew de aboa mo. Sɛ medɔ mo yiye a, mo dɔ a mowɔ ma me no so bɛtew ana? 16 Mobɛte ase sɛ na menyɛ adesoa mma mo. Nanso obi bɛka se, meyɛ ɔdaadaafo a mede nnaadaa na eyii mo. 17 Ɔkwan bɛn so? Menam abɔfo a mesomaa wɔn mo nkyɛn no so sisii mo ana? 18 Mesomaa Tito se ɔnkɔ, na mesomaa onua baako kaa ne ho. Mokyerɛ sɛ Tito sisii mo ana? So na ɔno ne me nyinaa mfi Honhom koro mu ntu anammɔn koro ana?
19 So mususuw daa sɛ pɛ ara na yɛpɛ sɛ yɛka biribi de tetew yɛn ho wɔ mo anim ana? Yɛkasa sɛnea Kristo pɛ sɛ yɛka wɔ Onyankopɔn anim. Na biribiara a yɛyɛ no nso, me nnamfo pa, yɛyɛ de hyɛ mo den. 20 Misuro sɛ midu hɔ a sɛnea anka mepɛ sɛ mihu mo no, merenhu mo saa. Saa ara nso na sɛnea anka mopɛ sɛ muhu me no, morenhu me saa. Minim sɛ mɛba abɛto akasakasa ne anibere, abufuw ne pɛsɛmenkominya, ɔyaw ne nseku, ahantan ne basabasayɛ no. 21 Misuro sɛ da a mɛba bio no, Onyankopɔn begu mʼanim ase wɔ mo anim na mesu ama wɔn a wɔayɛ bɔne dedaw na wonnuu wɔn ho wɔ wɔn akɔnnɔ ne aguamammɔ ho no.