3
Mo Gyidi Boa Asɛnka No
Eyi kyerɛ sɛ yɛrehoahoa yɛn ho bio ana? Anaasɛ yehia adansedi nkrataa a efi yɛn nkyɛn anaa mo nkyɛn sɛnea afoforo hia no ana? Mo ankasa moyɛ krataa a ɛwɔ yɛn nkyɛn a wɔakyerɛw wɔ yɛn koma mu sɛnea ɛbɛyɛ a obiara behu na wakenkan. Mote sɛ krataa a Kristo nam yɛn som so akyerɛw. Ɛnyɛ adubiri na wɔde kyerɛw no ɔbo pon so na mmom Onyankopɔn a ɔte ase no Honhom na wɔde kyerɛw guu nnipa koma mu.
Saa ahotoso yi na yɛnam Kristo so anya wɔ Onyankopɔn fam. Biribiara nni yɛn mu a ebetumi ama yɛasi yɛn bo aka se yebetumi ayɛ saa adwuma yi. Ahoɔden a yɛwɔ no fii Onyankopɔn. Ɔno na wama yɛn afata sɛ NʼApam Foforo ho asomfo. Efi Honhom Kronkron no na emfi mmara a wɔakyerɛw. Mmara de owu ba na Honhom no ne nea ɛma nkwa.
Kristo Anuonyam Foforo
Mmara a ɛde owu bae no, na wɔakyerɛw no ɔbo pon so, nanso anuonyam a na ekura no nti nnipa no antumi anhwɛ Mose anim. Mose anuonyam hyerɛnee nanso saa anuonyam no dumii. Enti apam a Honhom no de ba no rennya anuonyam mmoroso ana? Sɛ mmara a ɛde owu ba no wɔ anuonyam a, ɛno de nea ɛma yɛteɛ wɔ Onyankopɔn anim no rennya anuonyam a ɛboro so ana? 10 Nokware mu, Apam Foforo no anuonyam mmoroso nti, mmara a ɛde owu ba no anuonyam ayera. 11 Na sɛ anuonyam wɔ biribi a ɛnkyɛ mu a, ade a ɛwɔ hɔ daa no anuonyam bɛyɛ nea ɛso yiye.
12 Esiane sɛ yɛwɔ saa anidaso yi nti, yɛwɔ akokoduru. 13 Yɛnte sɛ Mose a ɔde nkataanim kataa nʼanim sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo no renhu nea ɛretwa mu no awiei. 14 Nanso ntease a wɔannya no nti besi nnɛ yi, sɛ wɔkenkan Apam Dedaw nhoma no a, saa nkataanim no da so kata wɔn adwene so. Ansa na nkataanim no befi hɔ no, gye sɛ wogye Kristo di. 15 Nnɛ yi mpo, bere biara a wɔbɛkenkan Mose mmara no, nkataanim no da so kata wɔn koma so. 16 Nanso sɛ obi gye Awurade di a woyi nkataanim no fi hɔ. 17 Na Awurade ne Honhom no, na baabiara a Awurade Honhom wɔ no ahotɔ wɔ hɔ. 18 Yɛn a nkataanim biara nkata yɛn anim no, Awurade anuonyam hyerɛn wɔ yɛn anim, na Awurade Honhom no sakra yɛn kɔ nʼanuonyam mu.