12
Kae wo Bɔfo
wɔ wo mmerantebere mu,
ansa na nnabɔne no aba
na mfe a wobɛka se,
“Minni mu anigye biara” no reba,
ansa na owia ne hann,
ɔsram ne nsoromma aduru sum,
na omununkum asan aba osutɔ akyi.
Bere a ofi no awɛmfo ho popo,
na mmarima ahoɔdenfo akom,
bere a awiyamfo agyae adwumayɛ, sɛ wosua nti
na wɔn a wɔhwɛ pema mu no ani so ayɛ kusuu;
bere a wɔatoto abɔnten no apon mu
na awiyambea nnyigyei ano abrɛ ase;
bere a nnipa te nnomaa su na wɔanyan,
nanso wɔn nnwonto ano abrɛ ase;
bere a nnipa suro sorokɔ
ne mmɔnten so amanenyasɛm;
bere a “ɔsonkoran” dua begu nhwiren
na tɛwtɛw twe ne ho kɔ no
na nkatede ho adwudwo.
Afei onipa kɔ ne daa home mu
na agyaadwotwafo tu gu mmɔnten so.
 
Kae no, ansa na dwetɛ hama no atew,
anaasɛ sikakɔkɔɔ asanka no abɔ;
ansa na sukuruwa no abobɔ wɔ asuten ho,
anaasɛ asubura so nkyimii abubu,
na dɔte san kɔ asase a efi mu bae,
na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.
 
“Ahuhude mu ahuhude” ɔsɛnkafo no na ose.
“Biribiara yɛ ahuhude!”
Asɛm No Awiei
Ɔsɛnkafo no yɛ onyansafo na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdwenee na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na obubuu mmɛ bebree. 10 Ɔsɛnkafo no hwehwɛɛ sɛ obenya nsɛm a ɛfata, na nea ɔkyerɛw no yɛ pɛ na ɛyɛ nokware nso.
11 Anyansafo nsɛm te sɛ nantwikafo mpeaw. Wɔn nsɛm a wɔaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ dua mu ma akɔ mu yiye. Saa nsɛm yi nyinaa fi Oguanhwɛfo baako nkyɛn. 12 Mebɔ wo kɔkɔ sɛ twe wo ho fi biribiara a ɛka eyinom ho, me babarima.
Nhoma bebrebe nkyerɛw nni awiei, na ne sua pii no ma honam yɛ mmerɛw.
13 Afei ne nyinaa atɔ asom;
nsɛm no awiei ni:
Suro Onyankopɔn na di nʼahyɛde so,
na onipa asɛde nyinaa ni.
14 Onyankopɔn bebu nneyɛe biara atɛn,
nea wɔayɛ asie nso ka ho,
sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.