9
Nkrabea A Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛn Nyinaa
Enti medwenee eyinom nyinaa ho na mihuu sɛ atreneefo, anyansafo ne nea wɔyɛ wɔ Onyankopɔn nsam; nanso obiara nnim sɛ ɔdɔ anaasɛ ɔtan retwɛn no. Wɔn nyinaa nkrabea yɛ baako; atreneefo ne amumɔyɛfo, nnipa pa ne nnipa bɔne, wɔn a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew, wɔn a wɔbɔ afɔre ne wɔn a wɔmmɔ.
Sɛnea ɛte ma onipa pa no,
saa ara na ɛte ma ɔbɔnefo;
sɛnea ɛte ma wɔn a wɔka ntam no,
saa ara na ɛte ma wɔn a wosuro sɛ wɔbɛka ntam.
Eyi ne bɔne a ɛwɔ biribiara a esi wɔ owia yi ase mu. Nkrabeakoro ba yɛn nyinaa so. Nea ɛka ho ne sɛ, bɔne ahyɛ nnipa koma mu ma na adammɔ nsɛm wɔ wɔn koma mu, bere a wɔwɔ nkwa mu, na akyiri no wɔkɔka awufo ho. Obiara a ɔka ateasefo ho no wɔ anidaso, mpo ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu.
Na ateasefo nim sɛ wobewu,
nanso awufo nnim hwee;
wonni akatua biara bio,
na wɔn ho nkae mpo ayera.
Wɔn dɔ, ɔtan
ne ninkunu atu ayera dedaw;
wonni hwee yɛ wɔ
biribiara a esi wɔ owia yi ase mu.
Enti kɔ, fa anigye di wʼaduan, na fa ahosɛpɛw koma nom wo nsa, efisɛ saa bere yi na Onyankopɔn pene nea woyɛ so. Bere biara ma wʼadurade nyɛ fitaa na fa ngohuam sra wo tirim. Wo ne wo yere, munnye mo ani, ɔbea a wodɔ no no, wɔ nna a ɛnka hwee a Onyankopɔn de ama mo wɔ owia yi ase, mo ahuhude nna no. Efisɛ ɛyɛ mo kyɛfa wɔ mo nkwanna mu, ne mo adwumaden wɔ owia yi ase. 10 Nea wo nsa bɛso so biara, fa wʼahoɔden nyinaa yɛ, efisɛ ɔda a wɔrekɔ mu no, adwumayɛ, adwennwene, nhumu ne nimdeɛ nni hɔ.
11 Mihuu biribi foforo wɔ owia yi ase:
Mmirikakansi nni hɔ mma nea ne ho yɛ hare
anaasɛ ɔko nni hɔ mma ɔhoɔdenfo,
aduan mma onyansafo nkyɛn
anaasɛ ahonya nnkɔ nhumufo hɔ,
na adom nnkɔ nimdefo nkyɛn;
nanso bere ne akwannya wɔ hɔ ma wɔn nyinaa.
12 Bio, onipa biara nnim dɔn ko a ne bere bɛso:
Sɛnea asau buma mpataa,
ne sɛnea afiri yi nnomaa no
saa ara na mmere bɔne to nnipa
wɔ bere a wɔn ani nni wɔn ho so.
Nimdeɛ Ye Sen Nkwaseasɛm
13 Bio, mihuu saa nimdeɛ ho nhwɛso yi wɔ owia yi ase ma mʼani gyee ho yiye: 14 Bere bi na kuropɔn ketewa bi wɔ hɔ a mu nnipa yɛ kakraa bi. Ɔhene bi a ɔwɔ tumi tow hyɛɛ kuropɔn yi so, otwaa ho hyiae na osisii mpie akɛse tiaa no. 15 Na ohiani bi a onim nyansa wɔ kuropɔn no mu, na ɔnam ne nimdeɛ so gyee kuropɔn no sii hɔ. Nanso obiara ankae saa ohiani no. 16 Enti mekae se, “Nimdeɛ ye sen ahoɔden.” Nanso wobuu ohiani no nimdeɛ no animtiaa, na obiara ntie nʼasɛm bio.
17 Ɛsɛ sɛ wotie onyansafo nsɛm a ɔka no brɛoo no
na ɛnyɛ nkwaseafo sodifo nteɛteɛmu.
18 Nimdeɛ ye sen akode,
nanso ɔdebɔneyɛni baako sɛe nnepa bebree.