15
Nkɔmhyɛ A Etia Moab
Adehu a ɛfa Moab ho:
Wɔasɛe Ar a ɛwɔ Moab
Da koro anadwo bi,
wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moab
da koro anadwo bi!*
Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu,
ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kosu;
Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho.
Wɔayi eti biara so nwi
na abogyesɛ biara nso wɔatwitwa.
Wofurafura atweaatam wɔ mmɔnten so;
wɔ adan atifi ne ɔman ahyiae
wɔn nyinaa retwa adwo,
wɔdeda fam na wosu.
Hesbon ne Eleale teɛ mu su,
wɔte wɔn nne kodu Yahas nohɔ.
Enti Moab mmarima akofo teɛ mu su,
na wɔbotobotow.
 
Midi Moab ho awerɛhow wɔ me koma mu;
nʼaguanfo guan kodu Soar,
ne Eglat Selisiya.
Wɔforo kɔ Luhit,
wɔrekɔ nyinaa na wɔresu;
Horonaim kwan so nso
wodi wɔn sɛe ho awerɛhow.
Nimrim nsuwansuwa ayoyow
na sare no ahyew
afifide nyinaa ayera
na ɛnkaa wura biara a ɛyɛ amono.
Enti ahonyade a wɔapɛ agu hɔ no
wɔsoa de kotwa mpampuro bon.
Wɔn nkekawmu gyigye wɔ Moab ahye so;
wɔn agyaadwotwa kodu Eglaim
na wɔn abubuwbɔ kodu Beer Elim.
Dimon nsu ayɛ mogya nko ara
nanso mɛkɔ so ne no adi
gyata bɛba Moab aguanfo so
ne wɔn a wɔbɛka asase no so no so.
 
 
* 15:1 Ar ne Kir yɛ Moabfo nkurow atitiriw abien.