40
Onyankopɔn Nkurɔfo Awerɛkyekye
Monkyekye, monkyekye me nkurɔfo werɛ.
Saa na mo Nyankopɔn se.
Monka asomdwoesɛm nkyerɛ Yerusalem,
na mompae mu nka nkyerɛ no se
ne som dennen no aba awiei,
wɔatua ne bɔne no so ka,
na wɔanya ne bɔne nyinaa so akatua mmɔho
afi Awurade nsam.
Nne bi reteɛ mu se,
“Munsiesie ɔkwan mma Awurade
wɔ nweatam no so.
Monteɛ ɔtempɔn wɔ sare no so
mma yɛn Nyankopɔn.
Obon biara bɛyɛ ma,
bepɔw ne nkoko nyinaa bɛkɔ fam,
asase a ɛyɛ abonkyiabonkyi no bɛyɛ tamaa,
na mmeae a ɛyɛ akɔntɔnkye no ayɛ tataw.
Na Awurade anuonyam bɛda adi,
na nnipa nyinaa behu.
Efisɛ Awurade na waka!”
 
Nne bi kae se, “Teɛ mu.”
Na mekae se, “Menteɛ mu nka dɛn?”
 
“Nnipa nyinaa te sɛ sare,
na wɔn anuonyam nyinaa te sɛ afuw so nhwiren.
Sare hyew, na nhwiren twintwam
efisɛ Awurade ahomegu fa wɔn so.
Nokware, nnipa no yɛ sare.
Sare hyew, na nhwiren twintwam,
nanso yɛn Nyankopɔn asɛm no tim hɔ daa.”
 
Wo a wode asɛm pa reba Sion,
foro kɔ bepɔw tenten bi so.
Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem,
ma wo nne so na teɛ mu,
ma so, nsuro;
ka kyerɛ Yuda nkurow se,
“Mo Nyankopɔn ni!”
10 Hwɛ, Asafo Awurade de tumi reba,
na nʼabasa bedi hene ama no.
Hwɛ, nʼakatua ka ne ho,
na ɔde nʼabasobɔde nam.
11 Ɔhwɛ ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo.
Ɔboa nguantenmma no wɔ nʼabasa so
oturu wɔn ne koko so;
na nguan a wɔwɔ mma no, ɔka wɔn brɛoo.
 
12 Hena na wasusuw obon mu nsu wɔ ne nsam
anaa ɔde ne nsateaa asusuw ɔsoro?
Hena na ɔde asase so mfutuma agu kɛntɛn mu,
anaa wakari mmepɔw wɔ nsania so
ne nkoko wɔ nsania apampaa so?
13 Hena na wate Awurade ase,
anaa wakyerɛkyerɛ no sɛ ne fotufo?
14 Hena na Awurade abisa no sɛ ɔnkyerɛ no biribi ase,
na hena na ɔkyerɛɛ no ɔkwan pa no?
Hena na ɔmaa no nimdeɛ
anaa ɔkyerɛɛ no nhumu kwan?
 
15 Ampa ara aman no te sɛ nsu sope wɔ bokiti mu;
wɔde wɔn toto mfutuma a egu nsania so ho;
ɔkari nsupɔw te sɛnea ɛyɛ mfutuma muhumuhu.
16 Lebanon nnɔɔso mma afɔremuka so gya,
na ne mmoa renso mma ɔhyew afɔrebɔde.
17 Aman nyinaa nsɛ hwee wɔ nʼanim;
obu wɔn adehunu bi
a wɔnka hwee.
18 Afei hena ho na wode Onyankopɔn bɛtoto?
Nsɛsode bɛn ho na wode no bɛto?
19 Ohoni de, odwumfo na ɔyɛ,
na sikadwumfo de sikakɔkɔɔ agu ho
na wasiesie dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn ama no.
20 Ohiani a ɔrentumi mfa saa ayɛyɛde yi mma no
kɔhwehwɛ dua a ɛremporɔw.
Ɔhwehwɛ odwumfo nyansafo
na wayɛ ohoni a ɛremmunum nhwe fam asi hɔ.
 
21 Wunnim ana?
Wontee ana?
Wɔnnka nkyerɛɛ wo mfii mfiase no ana?
Efi bere a wɔbɔɔ asase no, wontee ase ana?
22 Ɔte ahengua so wɔ asase dantaban no atifi
ɛso nnipa te sɛ tɛwtɛw
ɔtwe ɔsoro mu te sɛ bamkyinii,
na ɔtrɛw mu sɛ ntamadan tena mu.
23 Ɔma ahemmea yɛ nnipahunu
na wiase yi sodifo nso, ɔbrɛ wɔn ase.
24 Wɔtɛw wɔn ara pɛ,
woduaa wɔn ara pɛ,
wogyee ntin wɔ asase mu pɛ,
na wahome agu wɔn so ama wɔakisa,
na mframa abɔ wɔn kɔ te sɛ ntɛtɛ.
 
25 “Hena ho na wode me bɛto?
Anaasɛ hena na ɔne me sɛ?” Ɔkronkronni no na ose.
26 Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro:
Hena na ɔbɔɔ eyinom nyinaa?
Nea oyiyi ɔsoro nsoromma mmaako mmaako,
na ɔbɔ obiara din frɛ no.
Nʼahoɔden ne ne tumi nti
wɔn mu baako mpo nyera.
 
27 Adɛn na wunwiinwii, Yakob,
na woka se, Israel,
“Mʼakwan ahintaw Awurade;
na me Nyankopɔn abɔ mʼasɛm agu”?
28 Wunnim ana?
Wontee ana?
Awurade yɛ daapem Nyankopɔn,
na ɔyɛ asase nyinaa yɛfo.
Ɔremmrɛ na ɔrentɔ beraw,
na ne nhumu nni nhwehwɛmu.
29 Ɔma nea watɔ beraw ahoɔden
nea wayɛ mmerɛw nso, ɔto nʼahoɔden so.
30 Mpo, mmabun brɛ, na wɔtɔ beraw,
na mmerante hintihintiw hwehwe ase;
31 Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade so
benya ahoɔden foforo.
Wɔde ntaban sɛ akɔre de betu akɔ wim;
wobetu mmirika, na wɔrentɔ beraw.
Wɔbɛnantew, na wɔrentɔ piti.