55
Osukɔm Ho Ɔfrɛ
“Mommra, mo a osukɔm de mo nyinaa,
mommra nsu no ho;
na mo a munni sika,
mommra mmɛtɔ na munni!
Mommra mmɛtɔ nsa ne nufusu
a munntua hwee.
Adɛn nti na mosɛe sika wɔ nea ɛnyɛ aduan ho
ne mo ahoɔden wɔ nea ɛmmee ho?
Muntie, muntie me na munni nea eye,
na mo kra ani begye nnepa a ɛwɔ akatua pa ho.
Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn;
muntie me, na mo kra anya nkwa.
Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte hɔ daa,
me dɔ a to ntwa da a mede hyɛɛ Dawid bɔ no.
Hwɛ, mede no ayɛ adansedi ama nnipa no,
wɔn kannifo ne ɔsahene.
Ampa ara mobɛfrɛ aman a munnim wɔn,
na aman a munnim no bɛyɛ ntɛm aba mo nkyɛn,
Awurade, mo Nyankopɔn nti,
Israel Ɔkronkronni no,
efisɛ wahyɛ mo anuonyam.”
 
Monhwehwɛ Awurade bere a mubehu no.
Momfrɛ no bere a ɔbɛn.
Ma omumɔyɛfo ntwe ne ho mfi nʼakwan ho
na ɔbɔnefo nso mfi ne nsusuwii ho.
Ma ɔnnan nkɔ Awurade nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ,
ɔnnan nkɔ yɛn Nyankopɔn nkyɛn, na ɔde ne ho bɛkyɛ no.
 
“Na mʼadwene nyɛ mo adwene,
na mo akwan nso nyɛ mʼakwan,”
sɛnea Awurade se ni.
Sɛnea ɔsoro korɔn sen asase no,
saa ara na mʼakwan korɔn sen mo akwan
na mʼadwene nso korɔn sen mo adwene.
10 Sɛnea osu ne sukyerɛmma
tɔ fi soro gu fam,
na wɔnnsan nkɔ hɔ bio
wɔ bere a ɛmfɔw asase
mma enguu nhwiren mpaee,
sɛnea ɛbɛsow aba ama ogufo ne aduan ama odifo no,
11 saa ara na mʼasɛm a efi mʼanom no te:
Ɛrensan mma me nkyɛn kwa.
Mmom ɛbɛyɛ nea mepɛ
na awie botae a ɛno nti mesomaa no.
12 Mode ahosɛpɛw bepue
na wɔagya mo kwan asomdwoe mu;
mmepɔw ne nkoko
betue nnwonto wɔ mo anim,
na mfuw so nnua nyinaa
bɛbɔ wɔn nsam.
13 Nsɔe anan mu ɔpepaw befifi,
na nnɛnkyɛnse anan mu ohuam dua befifi.
Eyi bɛyɛ nea ɛhyɛ Awurade anuonyam,
ɛbɛyɛ daapem nsɛnkyerɛnne,
a ɛrentwa mu da.