58
Nokware Mmuadadi
“Monteɛ mu dennen, monnnyae.
Momma mo nne so sɛ torobɛnto.
Mompae mu nka me nkurɔfo atuatew nkyerɛ wɔn
na monka Yakobfi nso nnebɔne nkyerɛ no.
Da biara da wɔhwehwɛ me;
ayɛ sɛ wɔpere sɛ wobehu mʼakwan,
te sɛ wɔyɛ ɔman a wɔyɛ nea ɛteɛ
na wɔmpoo ne Nyankopɔn ahyɛde.
Wobisa me hɔ gyinae a ɛteɛ
na ayɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn bɛn wɔn.
Wɔka se, ‘Adɛn nti na yɛadi mmuada
na woanhu yi?
Adɛn nti na yɛabrɛ yɛn ho ase,
na woanhwɛ yi?’
 
“Nanso mo mmuada da no, moyɛ nea mopɛ
na musisi mo adwumayɛfo nyinaa.
Ntɔkwaw ne akasakasa na mode wie mo mmuadadi,
ne akuturuku a mode bobɔ mo ho.
Morentumi nni mmuada sɛnea moyɛ no nnɛ yi
na moahwɛ anim sɛ wɔbɛte mo nne wɔ ɔsoro.
Eyi ne mmuadadi a mepɛ ana?
Da koro pɛ a onipa de brɛ ne ho ase no ana?
Ɛne sɛ obi si ne ti ase te sɛ mfea
na ɔtena atweaatam so ne nsõ mu nko ara ana?
Eyi na mofrɛ no mmuadadi,
da a ɛsɔ Awurade ani yi ni ana?
 
“Saa mmuadadi yi na mepɛ:
sɛ mubeyiyi ntɛnkyew nkɔnsɔnkɔnsɔn
na moasan konnua ahama,
sɛ mubegyaa wɔn a wɔhyɛ wɔn so
na moabubu konnua biara.
So ɛnsɛ sɛ mo ne wɔn a ɔkɔm de wɔn kyɛ mo aduan
na moma ohiani a ɔnenam no baabi tena;
na muhu nea ɔda adagyaw a mumfura no ntama
na munnyi mo ani mfi mo ankasa mo nkurɔfo ne mo abusuafo so ana?
Ɛno na mo hann bepue te sɛ ahemadakye,
na mo ayaresa aba ntɛm so;
afei mo trenee bedi mo anim,
na Awurade anuonyam bɛbɔ mo kyidɔm.
Afei mobɛfrɛ, na Awurade begye mo so;
mobɛteɛ mu ahwehwɛ mmoa, na ɔbɛka se: Mini.
 
“Sɛ muyi nhyɛso konnua,
nsa a moteɛ wɔ nnipa so ne ntwatoso fi hɔ,
10 na sɛ mohaw mo ho ma wɔn a ɔkɔm de wɔn
na moma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nea ehia wɔn a,
ɛno de, mo akanea bɛhyerɛn wɔ sum mu,
na mo anadwo bɛyɛ sɛ owigyinae.
11  Awurade bɛkyerɛ mo kwan bere biara;
ɔbɛma mo nea ehia mo wɔ asase wosee so
na ɔbɛhyɛ mo nipadua den.
Mobɛyɛ sɛ turo a wogugu so nsu yiye,
sɛ asuwa a mu nsu nyow da.
12 Mo nkurɔfo bɛsan asi teteete nnwiriwii no,
na wɔato fapem a akyɛ no;
wɔbɛfrɛ mo Nea Osiesie Afasu a Abubu no,
Nea Ogye Atenae Si Hɔ.
 
13 “Sɛ mohwɛ mo anammɔntu so yiye Homeda
na moanyɛ nea mopɛ wɔ me da kronkron no,
sɛ mofrɛ Homeda no anigye da
na mudi Awurade da kronkron no ni
na moamfa mo ara mo akwan so
na moanyɛ nea mopɛ anaa moanka nsɛnhunu a,
14 ɛno de mubenya anigye wɔ Awurade mu
na mɛma mo anantew asase no sorɔnsorɔmmea so
na moato pon wɔ mo agya Yakob agyapade so.”
Awurade na waka.