60
Sion Anuonyam
“Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba,
na Awurade anuonyam apue wo so.
Hwɛ, sum akata asase so
na sum kabii akata aman no so,
nanso Awurade apue wo so
na nʼanuonyam ada adi wɔ wo so.
Amanaman bɛba wo hann no mu,
na Ahemfo bɛba wo adekyee hann no mu.
 
“Ma wʼani so na hwɛ wo ho hyia:
wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano reba wo nkyɛn;
wo mmabarima fifi akyirikyiri,
na wokura wo mmabea wɔ abasa so.
Afei wobɛhwɛ na wʼanim atew,
wo koma bɛbɔ na anigye ahyɛ no ma;
ahonya a ɛwɔ po so, wɔde bɛbrɛ wo,
na amanaman no ahode nso bɛba wo nkyɛn.
Yoma akuwakuw bɛyɛ wʼasase so ma,
yomaforo a wufi Midian ne Efa.
Na wɔn a wofi Seba nyinaa bɛba,
wɔsoso sika kɔkɔɔ ne nnuhuam
na wɔpae mu ka Awurade ayeyi.
Wɔbɛboaboa Kedar nguankuw nyinaa ano abrɛ wo,
Nebaiot adwennini bɛsom wo;
wobegye wɔn sɛ afɔrebɔde wɔ mʼafɔremuka so,
na mɛhyɛ mʼasɔredan kronkron no anuonyam.
 
“Henanom ne eyinom a wotu sɛ omununkum,
te sɛ mmorɔnoma a wɔrekɔ wɔn berebuw mu yi?
Ampa ara asupɔw no ani da me so;
Tarsis ahyɛn na wodi anim,
wɔde wo mmabarima fifi akyirikyiri reba,
wɔsoso wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ,
de rebɛhyɛ Awurade, wo Nyankopɔn anuonyam,
Israel Kronkronni No,
efisɛ wahyɛ wo anuonyam.
 
 
10 “Ananafo bɛto wʼafasu no bio,
na wɔn ahemfo bɛsom wo.
Ɛwɔ mu, mede abufuw asɛe wo de,
nanso menam adom so behu wo mmɔbɔ.
11 Wo apon ano bɛdeda hɔ bere biara,
wɔrentoto mu awia anaa anadwo,
sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo de amanaman no ahonya bɛbrɛ wo,
wɔn ahemfo dii nkonimdi santen no anim.
12 Na ɔman anaa ahenni a wɔrensom wo no bɛyera,
wɔbɛsɛe no pasaa.
 
13 “Lebanon anuonyam bɛba wo nkyɛn,
ɔpepaw, ɔsɛsɛ ne kwabɔhɔre bɛbɔ mu,
abesiesie me kronkronbea hɔ;
na mɛhyɛ beae a me nan sisi no anuonyam.
14 Wo nhyɛsofo mmabarima bɛba abɛkotow wo;
wɔn a wobu wo animtiaa nyinaa bɛkotow wʼanan ase
na wɔbɛfrɛ wo Awurade Kuropɔn,
Israel Kronkronni, Sion.
 
15 “Ɛwɔ mu, wɔapa wʼakyi atan wo,
a obiara ntu kwan mfa wo mu,
nanso mɛyɛ wo ahohoahoade a ɛte hɔ daa
ne awo ntoatoaso nyinaa anigyede.
16 Wobɛnom amanaman nufusu no
na woanum adehye nufu.
Afei wubehu sɛ me Awurade, me ne wo Agyenkwa,
wo gyefo, Yakob Tumfo no.
17 Mede sikakɔkɔɔ besi kɔbere anan mu abrɛ wo,
na dwetɛ asi dade anan mu.
Mede kɔbere besi dua anan mu abrɛ wo,
na dade asi abo anan mu.
Mede asomdwoe bɛyɛ wo so amrado
na trenee ayɛ wo sodifo.
18 Wɔrente awurukasɛm wɔ wʼasase so bio,
anaa nnwiriwii ne ɔsɛe wɔ wʼahye so
mmom wobɛfrɛ wʼafasu se Nkwagye
ne wʼapon se Ayeyi.
19 Owia renyɛ wo hann adekyee mu bio
na ɔsram hann renhyerɛn wo so,
efisɛ Awurade bɛyɛ wo daapem hann,
na wo Nyankopɔn bɛyɛ wo anuonyam.
20 Wo wia rentɔ bio,
wo sram rennum bio,
Awurade bɛyɛ wo daapem hann,
na wʼawerɛhownna to betwa.
21 Na afei wo nkurɔfo nyinaa bɛyɛ atreneefo
na wɔbɛfa asase no adi so afebɔɔ.
Wɔyɛ ade a madua na afefɛw
me nsa ano adwuma a
ɛbɛda mʼanuonyam adi.
22 Mo mu akumaa koraa bɛdɔ ayɛ apem,
na aketewa no ayɛ ɔman kɛse.
Mene Awurade;
na ne bere mu, mɛyɛ eyi ntɛm so.”