8
Asiria, Awurade Nsa Mu Dade
Awurade ka kyerɛɛ me se, “Fa nhoma mmobɔwee kɛse no na fa kyerɛwdua biara kyerɛw so. Na mɛfrɛ ɔsɔfo Uria ne Yeberekia babarima Sakaria sɛ me dansefo nokwafo aba.” Afei mekɔɔ nkɔmhyɛnibea no ho, na onyinsɛnee, woo ɔbabarima. Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Frɛ no Maher-Salal-Has-Bas. Ansa na abarimaa no betumi aka, ‘Mʼagya’ anaasɛ ‘me na’ no, Asiriahene bɛba abɛfa Damasko ahode ne Samaria asade nyinaa akɔ.”
Awurade kasa kyerɛɛ me bio se,
“Esiane sɛ saa nkurɔfo yi apo
Siloa nsu a ɛsen brɛoo
na wodi ahurusi wɔ Resin
ne Remalia babarima no ho nti,
Awurade reyɛ de Asubɔnten no
yiri kɛse no atia wɔn,
Asiriahene ne ne kɛseyɛ nyinaa.
Ebeyiri afa nʼabon nyinaa mu,
na abu afa ne konkɔn so
na apra abɛfa Yuda, akɔntɔn afa ho,
ateɛ afa mu abɛdeda kɔn mu.
Na atrɛtrɛw akata asase no nyinaa so
Immanuel.”
 
Momma ɔko nteɛmu so, mo aman na wɔnnwerɛw mo!
Muntie mo akyirikyiri aman.
Munsiesie mo ho mma ɔko, na wɔnnwerɛw mo!
Munsiesie mo ho mma ɔko, na wɔnnwerɛw mo!
10 Hwehwɛ ɔkwan a wobɛfa so, nanso wɔbɛsɛe no;
da wo nsusuwii adi, nanso ɛrennyina,
efisɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.
Suro Onyankopɔn
11  Awurade de ne nsa dennen no too me so, ka kyerɛ me, bɔɔ me kɔkɔ se mennantew saa nkurɔfo yi kwan so. Ɔkae se,
12 “Mommfrɛ no tirisopam
biribiara a saa nkurɔfo yi frɛ no tirisopam no;
Munnsuro nea wosuro,
na momma ɛmmɔ mo hu.
13 Asafo Awurade nko ara na ɛsɛ sɛ wubu no ɔkronkron,
ɔno na ɛsɛ sɛ wusuro no,
ɔno na ne ho yɛ hu,
14 ɔbɛyɛ kronkronbea:
nanso Israel ne Yuda de,
ɔbɛyɛ hintibo
ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase.
Na ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem de,
ɔbɛyɛ afiri a ebeyi wɔn.
15 Wɔn mu bebree bɛwatiri;
wɔbɛhwe ase a wɔrensɔre bio,
wobesum wɔn afiri na ayi wɔn.”
 
16 Kyekyere kɔkɔbɔ adanse no
sɔw mmara no ano ma mʼasuafo.
17 Mɛtwɛn Awurade
a wayi nʼani afi Yakobfi so
mede me werɛ bɛhyɛ ne mu.
18 Me ne mma a Awurade de wɔn ama me no ni. Yɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne agyiraehyɛde wɔ Israel, na yefi Asafo Awurade a ɔte Sion Bepɔw so no nkyɛn.
19 Sɛ nnipa tu mo fo sɛ monkohu samanfrɛfo ne nnunsifo a wɔkasa aso mu na emu ntew a, adɛn nti na wommmisa wɔn Nyankopɔn? Adɛn nti na mubisa ade wɔ awufo nkyɛn ma ateasefo? 20 Sɛ wɔannyina mmara ne adanse yi so anka asɛm yi a, wunni adekyee mu hann. 21 Wɔde ahohiahia ne ɔkɔm bɛnantenantew asase no so; na sɛ wɔtɔ beraw a, wɔn bo befuw na wɔbɛma wɔn ani so adome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn. 22 Afei wɔbɛhwɛ asase no so, na wubehu ahohiahia ne sum a ɛyɛ hu, na wɔde wɔn bɛhyɛn sum kabii mu.