2
Awurade Bɔfo Ba Bokim
Na Awurade bɔfo fi Gilgal kɔɔ Bokim de nkra kɔmaa Israelfo no se, “Miyii mo fii Misraim, de mo baa asase a mekaa ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no so. Mekae se, Meremmu mʼapam a me ne mo ayɛ no so. Mo fam de ne sɛ, mo ne nnipa a wɔte asase yi so no nnyɛ apam biara na mmom mobɛsɛe wɔn afɔremuka nyinaa. Na adɛn nti na moanni me mmara nsɛm so? Nea moayɛ yi nti, merempam nnipa a wɔtete mo asase so no. Wɔbɛyɛ mo nkyɛn mu nsɔe na wɔn anyame nso ayɛ mfiri a wɔasum ahintaw mo.”
Awurade bɔfo kasa wiee no Israelfo no suu dennen. Enti wɔtoo beae hɔ din “Agyaadwotwa.” Na wɔbɔɔ afɔre wɔ hɔ maa Awurade.
Yosua Wu
Yosua gyaa nkurɔfo no kwan akyi no, mmusuakuw no mu biara kɔfaa nʼagyapade a wɔde maa no sɛ ne kyɛfa no. Na Israelfo no som Awurade wɔ Yosua ne mpanyimfo a wɔanyinyin sen Yosua a wohuu nneɛma akɛse a Awurade yɛ maa Israel, Yosua nkwa nna nyinaa mu no.
Afei, Nun babarima Yosua, Awurade somfo wui a na wadi mfirihyia ɔha ne du. Wosiee no wɔ ne wugyaw asase a na ɛwɔ Timnat-Heres, Efraim bepɔw asase no a ɛwɔ Gaas bepɔw no atifi fam no.
Israelfo Yɛ Asoɔden Tia Awurade
10 Saa awo ntoatoaso no akyi no, awo ntoatoaso foforo nyin a na wonnim Awurade, na wɔnkae nneɛma akɛse a wayɛ ama Israel no. 11 Na Israelfo no yɛɛ nea enye wɔ Awurade ani so, na wɔsom Baalim ahoni. 12 Wogyaw Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim no. Wodii anyame foforo akyi, som saa anyame no a ɛyɛ nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia no dea. Na wɔmaa Awurade bo fuwii. 13 Wogyaw Awurade akyidi, kɔsom Baalim ne Astoret ahoni. 14 Eyi maa Awurade bo fuw Israel, enti ɔde wɔn hyɛɛ afowfo nsa, maa wowiaa wɔn ahode. Ɔtɔn wɔn maa wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia, na wɔantumi annyina wɔn ano. 15 Bere biara a Israelfo bɛkɔ ɔko no, Awurade ko tia wɔn ma wodi nkogu, sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no. Enti wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa.
Onyankopɔn Gye Ne Nkurɔfo
16 Afei, Awurade pagyaw atemmufo ma wobegyee Israelfo fii wɔn atamfo nsam. 17 Nanso Israelfo no antie atemmufo no. Wɔkɔɔ so de wɔn ho bɔɔ anyame foforo, kotow wɔn. Wɔtwee wɔn ho ntɛm so fii wɔn agyanom a wɔyɛɛ osetie maa Awurade mmara nsɛm no kwan so. 18 Bere biara a Awurade de otemmufo bi bedua Israel so no, na ɔka saa otemmufo no ho na ogye nnipa no fi wɔn atamfo no nsam wɔ saa otemmufo no nkwa nna nyinaa mu. Efisɛ Awurade huu ne nkurɔfo a wɔredi wɔn nya na wɔrehu amane no mmɔbɔ. 19 Nanso atemmufo no wu akyi no, nnipa no san kɔɔ wɔn bra bɔne no mu a, afei na wɔasɛesɛe sen wɔn a wodii wɔn anim kan no. Wodii anyame foforo akyi. Wɔkotow wɔn, som wɔn. Na wɔampɛ sɛ wogyae wɔn nnebɔnesɛm ne asobrakye no.
20 Enti Awurade bo fuw Israel. Ɔkae se, “Esiane sɛ saa nnipa yi abu apam a me ne wɔn agyanom yɛe so, na wɔapo me mmara nsɛm nti, 21 merempam aman a Yosua anni wɔn so ansa na ɔrewu no. 22 Meyɛɛ eyi de sɔɔ Israel hwɛe sɛ wobetie Awurade sɛnea wɔn agyanom yɛe no.” 23 Ɛno nti na amma Awurade ampam aman no ntɛm so na wamma Yosua ammedi wɔn nyinaa so no.