5
Debora Dwom
Da no, Debora ne Abinoam babarima Barak too saa dwom yi:
“Israel mpanyimfo sɔre dii anim,
na nnipa no de anigye dii wɔn akyi.
Nhyira nka Awurade!
 
“Mo ahemfo, muntie!
Monyɛ aso, mo abirɛmpɔn!
Na mɛto dwom ama Awurade.
Mɛma me nne so ama Awurade, Israel Nyankopɔn.
 
 
Awurade, bere a wufii Seir,
na wobɔɔ nsra faa Edom mfuw so no,
asase wosowee
na ɔsoro omununkum tuee nsu.
Awurade ba no maa mmepɔw wosowee.
Sinai Bepɔw mpo wosowee wɔ Awurade, Israel Nyankopɔn anim.
 
“Anat ba Samgar ne Yael bere so,
nnipa amfa atempɔn so,
na akwantufo faa anammɔnkwan kɔntɔnkye so.
Nnipa kakra na wɔkaa Israel nkuraa
kosii sɛ Debora sɔree sɛ ɛna maa Israel.
Bere a Israel som anyame foforo no,
ɔko sɔree kuropɔn no apon ano.
Nanso wɔanhu nkatabo anaa peaw
wɔ akofo mpem aduanan a wɔwɔ Israel mu!
Mewɔ Israel ntuanofo afa
ne wɔn a wɔde anigye dii wɔn akyi.
Hyira Awurade!
 
10 “Mo a motete afurum a wɔte apɔw so,
tete nsaa a ɛyɛ fɛ so, muntie!
Ne mo a ɛsɛ sɛ monantew fam nso, muntie!
11 Muntie nkuraa nnwontofo a wɔaboa wɔn ho ano wɔ anomee.
Wɔkeka Awurade trenee nkonimdi,
ne ne nkuraasefo nkonimdi wɔ Israel ho asɛm.
 
“Afei Awurade nkurɔfo
bɔɔ nsra kɔɔ kuropɔn no apon ano.
12 ‘Sɔre! Debora, sɔre!
Sɔre, sɔre na to dwom!
Sɔre, Barak!
Di wo nneduafo anim kɔ, Abinoam ba!’
 
13 “Nkaefo no bɔɔ nsra fi Tabor kɔɔ ahoɔdenfo so.
Awurade nkurɔfo bɔɔ nsra kɔɔ akofo ahoɔdenfo so.
14 Wofi Efraim bae, asase a na kan no na ɛyɛ Amalekfo dea,
na Benyamin nso dii wʼakyi.
Asahene no bɔɔ nsra fii Makir;
ɔsahene pemakurafo fi Sebulon bae.
15 Na Isakar mu atitiriw ka Debora ne Barak ho.
Wodii Barak akyi, bɔ wuraa obon no mu.
Nanso Ruben abusuakuw mu de,
wɔansi wɔn adwene pi.
16 Adɛn nti na wotenaa fie wɔ nguanhwɛfo mu,
tie nguanhwɛfo a wɔde hwirema frɛ wɔn nguan?
Ruben abusuakuw mu,
wɔansi wɔn adwene pi.
17 Gilead kaa Yordan apuei hɔ.
Na Dan de, adɛn nti na ɔtenaa fie?
Aser tenaa mpoano a wanka ne ho,
ɔkaa nʼahyɛn gyinabea ahorow hɔ.
18 Nanso Sebulon too ne nkwa apemafo
sɛnea Naftali yɛɛ wɔ akono no.
 
19 “Kanaan ahemfo koo wɔ Taanak a ɛbɛn Megido asu ho,
nanso wɔannya dwetɛ asade biara ankɔ.
20 Nsoromma fi soro koe.
Nsoromma nam wɔn akwan so ko tiaa Sisera.
21 Asubɔnten Kison twee wɔn kɔe,
tete asu, Kison.
Me kra, fa akokoduru bɔ nsra kɔ wʼanim!
22 Afei, apɔnkɔ no tɔte pempem fam,
wɔde mmirikatɛntɛ, Sisera apɔnkɔ ahoɔdenfo no mmirikatɛntɛ.
23 ‘Nnome nka Merosfo,’ Awurade bɔfo na ose.
Ma nnome a ano yɛ den nka wɔn
efisɛ wɔammɛboa Awurade,
wɔammɛboa Awurade anko antia akofo ahoɔdenfo no.
 
 
24 “Nhyira nka Yael,
Heber a ofi Keni yere.
Ne nhyira nsen mmea a wɔtete ntamadan mu nyinaa.
25 Sisera srɛɛ nsu,
na Yael maa no nufusu.
Kuruwa a ɛfata ahemfo no mu
na ɔde nufusu ani srade brɛɛ no.
26 Afei, ɔde ne nsa benkum yii ntamadan pɛe,
na ɔde ne nsa nifa faa odwumfo asae.
Ɔde bɔɔ Sisera, pɛtɛw ne ti.
Ɔde pɛe no wɔɔ ne moma so, bɔɔ so kɔɔ ne tirim.
27 Ɔmemee, ɔhwee ase;
owui wɔ ne nan ase.
 
28 “Sisera nena hwɛɛ mfɛnsere mu;
ɔtɛw mfɛnsere mu hwɛɛ no kwan,
ɔkae se, ‘Adɛn nti na ne teaseɛnam akyɛ ba yi?
Adɛn nti na yɛnte teaseɛnam nhankare nnyigyei yi?’
29 Ne mmea anyansafo no rema mmuae no,
otii mu kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ ne ho se:
30 ‘Wɔrekyɛ asade a wonyae no,
ɔbarima biara rennya ɔbea baako anaa baanu.
Sisera rennya ntade a ɛyɛ fɛ
na me nso merennya ntade a ekura ahosu ahorow na wɔanwen mu fɛfɛ?’
 
 
31 Awurade, ma wʼatamfo nyinaa nwu sɛ Sisera!
Nanso ma wɔn a wɔdɔ wo no nkɔso sɛ owigyinae.”
Afei, asomdwoe baa asase no so mfirihyia aduanan.