2
Onyankopɔn Ankasa Nkurɔfo
Montwe mo ho mfi bɔne nyinaa, atoro anaa nyaatwom anaa anibere anaa nseku ho. Monyɛ sɛ nkokoaa a bere biara osukɔm de mo, sɛ mubenya honhom mu nufusu kronkron anom, na sɛ monom a moanyin na wɔagye mo nkwa. Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Moaka Awurade ayamye no ahwɛ.”
Mommra Awurade a ɔyɛ ɔbo a nkwa wɔ mu no nkyɛn. Ɔno na nnipa poo no, na Onyankopɔn yii no sɛ nʼade a ɛsom bo. Mo nso mote sɛ abo a nkwa wɔ mu a wɔde mo resi ɔdan a honhom ahyɛ no ma. Ɛhɔ na mobɛsom sɛ asɔfo Kronkron a monam Yesu Kristo so bɛbɔ honhom mu afɔre a edi mu ama Onyankopɔn. Na Kyerɛwsɛm no ka se,
“Mayi ɔbo a ɛho hia a mede bɛyɛ Sion tweatibo a
obiara a obegye no adi no,
wɔrenni no nhuammɔ.”
Saa ɔbo yi so wɔ mfaso yiye ma mo a mugye di. Na wɔn a wonnye nni no,
“Ɔbo a adansifo apo no,
ɛno ara na abɛyɛ tweatibo.”
Wɔka bio wɔ Kyerɛwsɛm no mu se,
“Saa ɔbo yi na ɛbɛma nnipa ahintiw;
ɔbotan a ɛbɛma wɔahwe ase.”
Wohintiwii, efisɛ na wonnye asɛm no nni. Saa na Onyankopɔn hyɛe.
Na mo de, moyɛ nnipa a wɔapaw, asɔfodi mu adehye, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfo a wɔayi mo sɛ monka nʼanwonwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa nʼankasa hann nwonwaso no mu. 10 Nna bi a atwa mu no, na monyɛ Onyankopɔn nkurɔfo, nanso afei moyɛ ne nkurɔfo; nna bi a atwa mu no, na munnim Onyankopɔn ahummɔbɔ no, nanso mprempren de, moanya nʼahummɔbɔ no.
Onyankopɔn Asomfo
11 Mʼadɔfo, mekasa kyerɛ mo sɛ ahɔho ne amamfrafo a mowɔ wiase. Montwe mo ho mfi ɔhonam akɔnnɔ a daa ɛne ɔkra no di asi no ho. 12 Mommɔ ɔbra pa wɔ amanaman a mofra wɔn mu no mu, na sɛ wɔka mo ho nsɛm sɛ moyɛ nnebɔneyɛfo a, wɔahu mo papa a moayɛ no nso, anam so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam da a ɔbɛba no.
13 Mommrɛ mo ho ase wɔ Awurade din mu mma tumi a efi wiase nhyehyɛe nyinaa: sɛ ɛyɛ Ɔhempɔn a ɔwɔ tumi a ebunkam so, 14 anaa amradonom a ɔsoma wɔn se wɔnkɔtwe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso na wɔmmɔ atreneefo aba so. 15 Onyankopɔn ahyɛde ne sɛ ɔpɛ sɛ monam mo nneyɛe pa so ka nnipa a wɔkasa kwa no kasa no hyɛ. 16 Montena ase sɛ nnipa a mode mo ho. Munnsusuw sɛ mo de mo ho nti mubetumi ayɛ bɔne biara. Mmom, montena ase sɛ Onyankopɔn asomfo. 17 Momfa nidi mma nnipa nyinaa. Monnɔ anuanom agyidifo. Munsuro Onyankopɔn, na mummu Ɔhempɔn.
18 Afi mu asomfo nso, mommrɛ mo ho ase mma mo wuranom, na munnni wɔn a wɔn yam ye na wɔn tirim yɛ mmrɛw no nko ni, na wɔn a wɔn tirim yɛ den nso, munni wɔn ni. 19 Sɛ motɔ mo bo ase tena saa ɔyaw a ɛmfata yi mu a, Onyankopɔn behyira mo, efisɛ munim ne pɛ. 20 Na sɛ moyɛ bɔne na wɔhwe mo na munya ho boasetɔ a, morennya ho mfaso biara. Na sɛ moyɛ papa na wɔhwe mo na munya ho boasetɔ a, Onyankopɔn behyira mo. 21 Eyi nti na Onyankopɔn frɛɛ mo, efisɛ Kristo no ankasa huu amane maa mo, de saa nhwɛso no gyaw mo, sɛnea mubedi nʼanammɔn akyi.
22 “Kristo anyɛ bɔne.
Obiara ante atosɛm biara amfi nʼano.”
23 Wɔbɔɔ no adapaa no, wammɔ wɔn bi antua ka. Ohuu amane no, wampoopoo nʼani na ɔde nʼanidaso nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn a ɔyɛ Otemmufo pa no mu. 24 “Kristo no ankasa soaa yɛn bɔne” wɔ ne honam mu kɔɔ asennua no so sɛnea yebewu ama bɔne na yɛatena ase wɔ trenee mu. “Nʼakuru mu na moanya ayaresa. 25 Na mote sɛ nguan a wɔayera,” nanso afei de, wɔde mo asan aba se mummedi Oguanhwɛfo no ne mo Krahwɛfo no akyi.