4
Abrabɔ Foforo
Esiane sɛ Kristo huu amane wɔ ne honam mu nti, munso saa adwene koro no ara mu mfa nhyɛ mo ho den. Efisɛ nea wahu amane wɔ ɔhonam mu no ne bɔne nni biribiara yɛ. Efi mprempren rekɔ no, mo nna a aka wɔ asase so ha no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn na odi mo abrabɔ so na ɛnyɛ onipa akɔnnɔ. Moasɛe mmere bebree de ayɛ nea anka ɛsɛ sɛ abosonsomfo na wɔyɛ. Motenaa ase wɔ ahohwi, akɔnnɔbɔne, nsabow, agobɔne, didimee ne abosonsom a ɛyɛ akyiwade mu. Mprempren ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ mo ne wɔn mmɔ mu mmu ahuhubra no bio, ɛno nti wɔyeyaw mo. Nanso wobebu ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn a wasiesie ne ho bu ateasefo ne awufo atɛn no. Saa nti na wɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ awufo, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wogyina wɔn asetena yi mu nneyɛe so bu wɔn atɛn a wɔn honhom ne Onyankopɔn bɛtena.
Biribiara awiei abɛn. Ɛsɛ sɛ mohyɛ mo ho so na mowɛn na moatumi abɔ mpae. Eyi akyi no, monnodɔ mo ho yiye, efisɛ ɔdɔ bunkam bɔne nyinaa so. Munnye mo ho mo ho ahɔho wɔ mo afi mu a anwiinwii biara nni mu. 10 Obiara nnyina Honhom mu adom a wanya no so mfa nsom afoforo. 11 Sɛ obi reka asɛm a, ɔnka Onyankopɔn asɛm. Obiara a ɔsom no, mfa ahoɔden a Onyankopɔn de ma no no nsom sɛnea biribiara mu no, wɔbɛfa Yesu Kristo so akamfo Onyankopɔn a anuonyam ne tumi wɔ no daadaa no. Amen.
Okristoni Amanehunu
12 Anuanom, mommma amane a morehu no nyɛ mo nwonwa te sɛ nea montee so asɛm da. 13 Na mmom, momma mo ani nnye sɛ mo ne Kristo rehu amane sɛnea mo ani begye daa, da a ɔbɛda nʼanuonyam adi no. 14 Nhyira nka mo sɛ moyɛ Kristo akyidifo nti wɔyaw mo. Eyi kyerɛ sɛ anuonyam honhom a ɛyɛ Onyankopɔn Honhom no wɔ mo so. 15 Ɛnsɛ sɛ mo mu biara hu amane sɛ owudifo anaa owifo anaa odwotwafo anaa ɔsɛmpɛfo. 16 Na sɛ muhu amane wɔ mo Kristosom mu a, mommma mo ani nnwu, na mmom, monna Onyankopɔn ase sɛ moyɛ Kristo de. 17 Bere adu sɛ wobu atɛn, na Onyankopɔn no ara nkurɔfo na wobedi kan abu wɔn atɛn. Na sɛ efi yɛn so kan a, ebewie Asɛmpa no ho asoɔdenfo no dɛn? 18 Kyerɛwsɛm no ka se,
“Ɛyɛ den sɛ wobegye onipa pa nkwa;
na wɔn a wonnye asɛm no nni ne nnebɔneyɛfo no de, dɛn na ɛbɛba wɔn so?”
19 Ne saa nti, ɛsɛ sɛ wɔn a wohu amane sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛ no de wɔn ho ma Ɔbɔade no na wɔkɔ so yɛ papa.