2
Kristo Ahobrɛase
Mo nkwa a mowɔ wɔ Kristo mu no hyɛ mo den ana? Ne dɔ kyekye mo werɛ ana? Mo ne Honhom no wɔ ayɔnkofa bi ana? Mowɔ ayamye ne ayamhyehye ma mo ho mo ho ana? Sɛ ɛte saa de a, ɛno de, munnya adwene koro wɔ ɔdɔ ne Honhom ne botae koro mu, na mʼanigye awie pɛyɛ. Monnyɛ pɛsɛmenkominya; monnhoahoa mo ho mfa mpɛ anuonyam hunu. Mommrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho na mummu mo yɔnkonom nsen mo ankasa mo ho. Mommma obiara nhwɛ ne nko ara nʼade nko, na mmom onsusuw ne mfɛfo nso de ho bi.
Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ sɛ Yesu Kristo de no bi.
Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu de,
nanso wanhwɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ.
Ɔdan ne tumi kɛse ne nʼanuonyam too nkyɛn.
Mmom, ofii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so,
baa sɛ onipa bɛyɛɛ nʼade sɛ onipa.
Ɔbrɛɛ ne ho ase,
yɛɛ osetie
de koduu owu mu,
asennua ho wu mu mpo.
 
Eyi nti Onyankopɔn maa ne so kɔɔ baabi a ɛkorɔn koraa,
maa no din a edi din nyinaa so.
10 Na ɛno nti sɛ wɔbɔ Yesu din a,
ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa bɛkotow no.
11 Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka se,
Yesu Kristo ne Awurade,
de ahyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.
Nkwagye Ho Adwumayɛ
12 Enti me nnamfo pa, sɛnea na me ne mo te hɔ a na mutie me no, saa ara nso na bere a minni mo nkyɛn mprempren yi ɛsɛ sɛ mutie me ara ne no. Monkɔ so mfa ahopopo ne osuro nyɛ adwuma mfa nwie mo nkwagye ho adwumayɛ, 13 efisɛ Onyankopɔn na ɔma mufi mo pɛ mu di dwuma a ɛsɔ nʼani.
14 Dwuma biara a mudi no, munnnwiinwii na monnnye ho akyinnye, 15 sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenka biribi ntia mo. Mobɛyɛ kronkron sɛ Onyankopɔn mma nokwafo a wɔte wiase a nkontompofo ne nnebɔneyɛfo ahyɛ mu ma tɔ no. Ɛsɛ sɛ mohyerɛn wɔ wɔn mu sɛ nsoromma a ɛwɔ soro 16 wɔ nkwa no ho asɛm a moka kyerɛ wɔn no mu. Sɛ moyɛ saa na Kristo da no mede mo hoahoa me ho a, na ne kwan so ara ne no; efisɛ ɛbɛda no adi sɛ dwuma a mibedii no anyɛ ɔkwa. 17 Ebia na ɛsɛ sɛ wohwie me mogya gu sɛ afɔrebɔde sɛnea mo ɔsom no nso yɛ afɔrebɔde ma Onyankopɔn no. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛyɛ anigyesɛm a me ne mo nyinaa na ebenya saa ahosɛpɛw no. 18 Yiw, momma mo ani nnye, sɛnea me nso mʼani agye no.
Wɔsoma Timoteo Ne Epafrodito.
19 Anidaso a mewɔ wɔ Awurade Yesu mu no nti, mɛsoma Timoteo ma waba mo nkyɛn na mo ho nsɛm a mɛte no ahyɛ me nkuran. 20 Ɔno nko ne obi a ɔwɔ ɔtema ma me na mo ho asɛm nso hia no. 21 Obiara pɛ ɔno ara ne yiyedi a Yesu Kristo ho asɛm mfa ne ho. 22 Mo ankasa mudi ho adanse wɔ dwuma a wadi ho. Wakyerɛ nso sɛ, ɔne me te sɛ ɔba ne nʼagya a wɔaka abɔ mu adi asɛmpa no ho dwuma. 23 Sɛ mihu sɛnea nneɛma rekɔ so ma me a, ɛrenkyɛ biara mɛsoma no aba mo nkyɛn. 24 Na Awurade mu anidaso a mewɔ nti, minim sɛ ɛrenkyɛ biara mʼankasa mɛba mo nkyɛn.
25 Mʼadwene ho sɛ, mɛsoma yɛn nua Epafrodito a wayɛ adwuma, na odi me nkyɛn mu ako na wasom mo sɛ mo somafo de aboa me no wɔ mo nkyɛn. 26 Ne ho pere no sɛ obehu mo nyinaa na ɛhaw mo nso sɛ motee ne nka sɛ ɔyare. 27 Ampa ara, na ɔyare a anka ɔreyɛ awu. Nanso Onyankopɔn huu no ne me nso mmɔbɔ, efisɛ wamma manni awerɛhow. 28 Me ho peree me yiye sɛ mɛsoma no aba mo nkyɛn na muhu no a, mo ani asan agye, na me nso mʼawerɛhow to atwa. 29 Momfa ahosɛpɛw nnye no sɛ onua wɔ Awurade mu. Momfa obu ne nidi mma nnipa a wɔte sɛ ɔno nyinaa, 30 efisɛ ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre a ɛnam so maa anka ɔrewu ama Kristo adwuma de aboa me a anka morentumi mmoa saa no.