Dwom 140
Dawid dwom. 
 
1 Awurade, gye me fi nnebɔneyɛfo nsam;  
bɔ me ho ban fi basabasayɛfo nsam,   
2 wɔn a wodwen bɔne wɔ wɔn koma mu  
na wɔhwanyan ɔko mu da biara.   
3 Wɔsew wɔn tɛkrɛma ano te sɛ ɔwɔ de;  
nhurutoa bɔre wɔ wɔn ano.   
   
 
4 Awurade, yi me fi amumɔyɛfo nsam;  
bɔ me ho ban fi basabasayɛfo a  
wodwen sɛ wobetwintwan mʼanan mu no ho.   
5 Ahantanfo asum me afiri;  
wɔatrɛtrɛw wɔn asau ahama mu  
wɔasunsum me mfiri wɔ me kwan so.   
   
 
6 Awurade, meka kyerɛ wo se, “Wone me Nyankopɔn.”  
Awurade, tie me mmɔborɔsu.   
7 Otumfo Awurade, me gyefo hoɔdenfo,  
wokata me ti so wɔ ɔko da,   
8 nyɛ amumɔyɛfo abisade mma wɔn, Awurade;  
mma wɔn nhyehyɛe nnyɛ yiye.   
   
 
9 Wɔatwa me ho ahyia,  
nanso, ma amumɔyɛsɛm a efi wɔn anom no nsɛe wɔn.   
10 Ma nnyansramma ngu wɔn so;  
ma wɔntow wɔn ngu ogya mu,  
ngu dontori amoa mu a wɔrensɔre bio.   
11 Mma dinsɛefo ase ntim asase no so;  
ma amanehunu ntaataa kitikitiyɛfo.   
   
 
12 Minim sɛ Awurade bu ahiafo atɛntrenee  
na odi onnibi asɛm ma no.   
13 Ampa ara, atreneefo bɛkamfo wo din  
na wɔn a wɔnam tee no bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim.