Dwom 32
Dawid dwom. 
 
1 Nhyira ne wɔn a  
wɔde wɔn amumɔyɛ akyɛ wɔn,  
na wɔakata wɔn bɔne so.   
2 Nhyira nka onipa a  
Awurade mmu ne bɔne ngu no so  
na nnaadaa nni ne honhom mu.   
   
 
3 Bere a meyɛɛ komm no,  
me nnompe yɛɛ mmrɛw,  
apini a misii no da mu nyinaa nti.   
4 Awia ne anadwo  
wo nsa yɛɛ den wɔ me so;  
mʼahoɔden sae  
te sɛ awia bere mu ɔhyew.   
5 Afei, migyee me bɔne too mu.  
Mankata mʼamumɔyɛ so.  
Mekae se, “Mɛka  
me bɔne akyerɛ Awurade,”  
na wode me bɔne ho afɔdi kyɛɛ me.   
   
 
6 Enti, ma agyidifo nyinaa mmɔ wo mpae  
bere a wohu wo;  
ampa ara sɛ asu akɛse yiri a,  
ɛrenka no.   
7 Wone me hintabea;  
wobɛbɔ me ho ban wɔ amanehunu mu  
na wode nkwagye nnwom atwa me ho ahyia.   
   
 
8 Mɛkyerɛkyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so  
metu wo fo na mahwɛ wo so.   
9 Ɛnyɛ sɛ ɔpɔnkɔ anaa afurumpɔnkɔ a  
onni ntease nti  
wɔde nnareka ne hama na ɛdannan no,  
sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛba wo nkyɛn.   
10 Omumɔyɛfo amanehunu dɔɔso,  
nanso Awurade adɔe a ɛnsa da no  
twa onipa a ɔde ne ho to no so no ho hyia.   
   
 
11 Munni ahurusi na mo ani nnye wɔ Awurade mu, mo atreneefo;  
monto dwom, mo a mo koma mu tew.