11
Semaia Nkɔmhyɛ
Bere a Rehoboam duu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda ne Benyamin asraafo a wosi pi si ta mpem ɔha aduɔwɔtwe ano, sɛ wɔrekɔko atia Israel asraafo, na wɔagye ahenni no afa.
Na Awurade ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa Semaia se, “Ka kyerɛ Salomo babarima Rehoboam a odi hene wɔ Yuda ne Israelfo a wɔwɔ Yuda ne Benyamin no se, Sɛnea Awurade se ni: ‘Nko ntia wʼabusuafo. San wʼakyi kɔ fie, efisɛ me na memaa asɛm a asi no ho kwan!’ ” Enti wotiee Awurade asɛm no, na wɔanko antia Yeroboam.
Rehoboam Ma Yuda Bammɔ
Rehoboam tenaa Yerusalem, na ɔbɔɔ nkurow ahorow ho ban, maa Yuda yɛɛ den. Ɔkyekyeree Betlehem, Etam, Tekoa, Bet-Sur, Soko, Adulam, Gat, Maresa, Sif, Adoraim, Lakis, Aseka, 10 Sora, Ayalon ne Hebron. Eyinom ne nkurow a wɔbɔɔ ho ban wɔ Yuda ne Benyamin.* 11 Rehoboam yeree wɔn bammɔ mu, na ɔde asahene duaduaa hɔ. Ɔkoraa nnuan, ngo ne nsa wɔ kuropɔn biara so. 12 Ɔde nkatabo ne mpeaw siee wɔ saa nkurow yi mu de hyɛɛ wɔn bammɔ mu den. Enti Yuda ne Benyamin nko ara na wɔbɛhyɛɛ nʼase.
13 Asɔfo ne Lewifo a na wɔne Israel atifi fam mmusuakuw te no kɔɔ Rehoboam afa. 14 Na Lewifo no mpo gyaw wɔn afi ne wɔn agyapade kɔɔ Yuda ne Yerusalem, efisɛ Yeroboam ne ne mmabarima amma wɔn kwan ansom Awurade sɛ asɔfo. 15 Yeroboam yii nʼankasa asɔfo ma wɔsom wɔ abosonsomfo nsɔre so a na wɔsom abirekyi ne nantwimma ahoni a na wɔayɛ. 16 Israelman mu nyinaa, wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔsom Awurade, Israel Nyankopɔn no dii Lewifo no akyi kɔɔ Yerusalem faako a wobetumi de ayɛyɛde ama Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no. 17 Eyi maa Yuda ahenni nyaa ahoɔden, na wɔde mfe abiɛsa boaa Salomo babarima Rehoboam, na wɔhwehwɛɛ Awurade nokware, sɛnea wɔyɛɛ wɔ Dawid ne Salomo ahenni mu no.
Rehoboam Abusua
18 Rehoboam waree Mahalat. Na ɔyɛ Dawid babarima Yerimot babea. Na ɔyɛ Abihail a ɔyɛ Yisai babarima Eliab babea nso. 19 Mahalat woo mmabarima baasa a wɔne Yeus, Semaria ne Saham. 20 Akyiri no, ɔwaree Absalom babea Maaka. Maaka woo Abia, Atai, Sisa ne Selomit. 21 Na Rehoboam dɔ Maaka yiye sen ne yerenom a wɔaka ne ne mpenanom nyinaa. Na ɔwɔ yerenom dunwɔtwe ne mpenanom aduosia, na wɔwowoo mmabarima aduonu awotwe ne mmabea aduosia.
22 Rehoboam sii Maaka babarima Abia ahenemmahene ma ɛdaa adi pefee sɛ daakye, ɔno na obedi nʼade sɛ ɔhene. 23 Bio, Rehoboam faa nyansakwan so de dwumadi hyehyɛɛ ne mmabarima a wɔaka no nsa, de wɔn tuatuaa nkurow a wɔabɔ ho ban, wɔ nsase no nyinaa so. Ɔmaa wɔn wɔn ahiade nyinaa, hyehyɛɛ aware bebree maa wɔn mu biara.
* 11:10 Yenhu saa nkuropɔn yi din wɔ Ahene Nhoma no mu. Rehoboam miaa bammɔ mu wɔ ahenni no apuei, atɔe ne anafo fam ahye so. Nanso wanyɛ saa wɔ atifi fam. Na nʼadwene ne sɛ ɔbɛka ahenni no nyinaa abɔ mu na sɛ Misraimfo nam ɔfow so behunahuna wɔn a, wɔatumi agyina ano.