19
Yehosafat Yi Atemmufo
Bere a ɔhene Yehosafat duu ne fi wɔ Yerusalem asomdwoe mu no, Hanani babarima Yehu, ɔdehufo no kohyiaa no. Obisaa ɔhene Yehosafat se, “So ɛsɛ wo sɛ woboa amumɔyɛfo, na wodɔ wɔn a wokyi Awurade ana? Nea woayɛ yi nti Awurade abufuw aba wo so. Nanso ade pa bi wɔ wo mu, efisɛ woatutu Asera nnua a ɛwɔ asase no so nyinaa, na woatu wo ho asi hɔ sɛ wobɛhwehwɛ Onyankopɔn.”
Na Yehosafat* tenaa Yerusalem. Nanso, otuu kwan fii Beer-Seba kɔɔ Efraim bepɔw asase no so, kɔhyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ, wɔnsan nkɔ Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no nkyɛn. Oyiyii atemmufo wɔ nkuropɔn a wɔabɔ ho ban wɔ ɔman no mu nyinaa, hyɛɛ wɔn se, “Atɛn biara a mubebu no bere biara no, munnwen ho yiye. Monkae sɛ, moremmu atɛn sɛ mode resɔ nnipa ani, na mmom, Awurade a ɔbɛka mo ho biara a ɛbɛba sɛ mubu ho atɛn no ani. Munsuro Awurade, na mummu atɛntrenee, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn, kyi ntɛnkyew, nhwɛanim ne kɛtɛasehyɛ.”
Na Yehosafat yii Lewifo, asɔfo ne mmusua ntuanofo a wɔwɔ Israel no ma wɔsom sɛ atemmufo wɔ Yerusalem. Na wodi Awurade mmara mu nsɛm ne ofie ntawntaw nsɛm nso. Ɔhyɛɛ wɔn se, “Daa, momfa onyamesuro, nokware ne adwene pa nyɛ mo adwuma. 10 Bere biara a asɛm bi a efi mo nkurɔfo a wɔwɔ nkurow yi so bɛba mo anim no, sɛ ɛyɛ awudi anaa Onyankopɔn mmara anaa nʼahyɛde sobu no, mommɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnnyɛ bɔne ntia Awurade, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabufuw remma mo ne wɔn so. Monyɛ saa, na morenni fɔ.
11 “Ɔsɔfopanyin Amaria bɛyɛ mo panyin, na ɔkasa a obi nka bi bio wɔ nsɛm a ɛfa Awurade ho nyinaa. Ismael babarima Sebadia nso na otua Yuda abusuakuw ano no. Ɔkasa a, obi nka bi bio wɔ ntawntawsɛm nyinaa mu. Lewifo no na wɔbɛboa mo ama moabu atɛntrenee. Momfa akokoduru nni mo dwuma, na Awurade nka wɔn a wɔyɛ ade trenee ho.”
* 19:4 Ɔhene Yehosafat ankasa tutuu akwan kokɔɔ ahemman no nyinaa mu kɔkanyan ɔsesɛw foforo wɔ anyamesom mu.