21
Yehoram Di Hene Wɔ Yuda
Bere a Yehosafat wui no, wosiee no wɔ nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Yehoram dii nʼade sɛ ɔhene. Yehoram nuanom mmarima a na wɔyɛ Yehosafat mmabarima afoforo bi no ne Asaria, Yehiel, Sakaria, Asaria, Mikael ne Sefatia. Wɔn agya maa wɔn mu biara akyɛde a ɛsom bo, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenne; na afei, ɔde Yuda nkurow a wɔabɔ ho ban no bi kyekyɛɛ wɔn. Na esiane sɛ Yehoram yɛ abakan nti, ɔbɛyɛɛ ɔhene.
Na bere a Yehoram ahenni timii no, okunkum ne nuabarimanom no nyinaa ne Israelfo ntuanofo bi. Bere a Yehoram dii ade no, na wadi mfirihyia aduasa abien. Na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia awotwe. Na Yehoram yɛɛ sɛnea Israel ahemfo yɛe. Na ɔyɛ otirimɔdenfo te sɛ ɔhene Ahab, efisɛ na waware Ahab mmabea no mu baako. Enti Yehoram yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Nanso na Awurade mpɛ sɛ ɔsɛe Dawid ahenni nnidiso no, efisɛ na ɔne Dawid ayɛ apam ahyɛ bɔ sɛ, nʼasefo bɛkɔ so adi hene afebɔɔ.
Yehoram bere so na Edomfo sɔre tiaa Yuda, na wosii wɔn ankasa wɔn hene. Enti Yehoram de asraafo ne ne nteaseɛnam nyinaa kɔtow hyɛɛ Edom so. Edomfo twaa ɔno ne ne nteaseɛnamkafo no ho hyiae, nanso ɔfaa anadwo sum mu guanee. 10 Edom ade ne ho a ɔnhyɛ Yuda ase de besi nnɛ. Saa bere koro no ara mu, Libna kurow tew atua, efisɛ na Yehoram atwe ne ho afi Awurade, nʼagyanom Nyankopɔn ho. 11 Na wasisi abosonsomfo nsɔree so wɔ Yuda mmepɔw asase so, ama nnipa a wɔwɔ Yerusalem ne Yuda akɔsom abosonsomfo anyame.
12 Na odiyifo Elia kyerɛw saa krataa yi kɔmaa Yehoram:
“Asɛm a Awurade, wʼagya Dawid Nyankopɔn se ni: ‘Woanni wʼagya Yehosafat anaa wo nena Yudahene Asa nhwɛsopa so. 13 Mmom, woayɛ omumɔyɛfo sɛ Israel ahemfo. Woama Yerusalemfo ne Yudafo akɔsom ahoni te sɛnea ɔhene Ahab yɛɛ wɔ Israel no. Na mpo, woakunkum wʼankasa wo nuanom mmarima a na wodi mu sen wo. 14 Enti afei, Awurade de ɔhaw kɛse bɛba wo, wo nkurɔfo, wo mma, wo yerenom ne biribiara a ɛyɛ wo dea so. 15 Wʼankasa de, wɔde nsono mu yare a ɛyɛ yaw yiye bɛto wo so akosi sɛ wʼayamude betu apue.’ ”
16 Na Awurade kaa Filistifo ne Arabfo a na wɔte bɛn Etiopiafo so sɛ wɔnkɔtow nhyɛ Yehoram so. 17 Wɔbɔɔ nsra kɔɔ Yuda so kotuaa wɔn ano, fow aboɔden nneɛma a ɛwɔ ahemfi hɔ a ne mmabarima ne ne yerenom ka ho. Ne babarima kumaa Yehoahas nko na wogyaw no.
18 Eyi akyi na Awurade maa nsono mu yare a ano yɛ den bɔɔ Yehoram. 19 Akyiri no, mfe abien akyi, ɔyare no maa nʼayamde puei, na owui ɔyaw mu. Ne nkurɔfo ammɔ ogyatannaa kɛse, amfa anhyɛ no anuonyam wɔ nʼayiyɛ mu sɛnea wɔyɛ maa nʼagyanom no.
20 Yehoram dii ade no, na wadi mfirihyia aduasa abien, na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia awotwe. Owui no, anyɛ obiara awerɛhow. Wosiee no wɔ Dawid kurom, nanso ɛnyɛ adehye asiei.