27
Yotam Di Yudahene
Yotam dii hene no, na wadi mfirihyia aduonu anum. Odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dunsia. Na ne na a ɔyɛ Sadok babea no din de Yerusa. Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani sɛnea nʼagya Usia yɛe no. Yotam de, wankɔ Awurade Asɔredan mu sɛnea nʼagya yɛe no. Nanso ɔmanfo no toaa wɔn nnebɔneyɛ so. Yotam san yɛɛ Atifi Pon a ɛwɔ Awurade Asɔredan no ho, na ɔsan yɛɛ nnwuma bebree de siesiee ɔfasu a ɛwɔ Ofel bepɔw so no. Ɔkyekyeree nkurow wɔ Yuda mmepɔw asase so, sisii aban ne abantenten wɔ mmeaemmeae a wɔadua nnua.
Yotam tuu Amonfo so sa, dii wɔn so nkonim. Mfe abiɛsa a edi kan no de, ogyee wɔn sonkahiri a ɛyɛ dwetɛ tɔn 3.4, awi susukoraa mpem aduonum ne atoko susukoraa mpem aduonum.
Ɔhene Yotam nyaa tumi kɛse, efisɛ ɔde ahwɛyie yɛɛ osetie maa Awurade, ne Nyankopɔn.
Yotam ahenni ho nsɛm nkae a nʼakodi ne ne nneyɛe ahorow ka ho no, wɔakyerɛw agu Israel ne Yuda ahemfo nhoma mu. Odii ade no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dunsia. Yotam wui no, wosiee no Dawid kurom. Ne babarima Ahas, na odii nʼade sɛ ɔhene.