31
Hesekia Ɔsom Nhyehyɛe Foforo
Afahyɛ no twaa mu no, Israelfo a wɔkɔɔ bi no kɔɔ Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase nkurow nyinaa so, kɔsɛee afadum kronkron no, twitwaa Asera nnua no, yiyii abosonsomfo nsɔree so ne afɔremuka no. Eyi akyi, Israelfo no san kɔɔ wɔn nkurow so ne wɔn afi mu.
Hesekia kyekyɛɛ asɔfo no ne Lewifo no mu akuwakuw, sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, sɛ wɔnsom, na wɔmfa aseda ne nkamfo mma Awurade wɔ Asɔredan no apon ano. Ɔhene no ankasa fii nea ɔwɔ mu maa anɔpa ne anwummere, nnaawɔtwe homeda afahyɛ ne Ɔsram Foforo Afahyɛ no ne afirihyia afɔre a aka no ɔhyew afɔrebɔde, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Awurade Mmara no mu no. Ɔhyɛɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem no mfa nea wonya mu kyɛfa a mmara no ka no bɛma asɔfo no ne Lewifo no, sɛnea ɛbɛma wɔde wɔn ho nyinaa ahyɛ Awurade Mmara no mu.
Nnipa no tiee no aso pa mu, na wofi koma pa mu de atoko, nsa foforo, ngo, ɛwo ne wɔn nnɔbae nkae mu nea edi kan nyinaa bae. Wɔde wɔn ahode biara mu ntotoso du du bae. Nnipa a wotu fii Israel baa Yuda no ne Yudafo no ankasa de wɔn anantwi ne wɔn nguan so ntotoso du du ne nneɛma a wɔahyira so ama Awurade, wɔn Nyankopɔn no so ntotoso du du bae. Wɔboaa ano ma ɛyɛɛ akuw akɛseakɛse. Wɔde saa ntotoso du du a edi kan no baa ɔsram a ɛto so abiɛsa no awiei mu, na nneɛma no anoboa kɔɔ so kosii ɔsram a ɛto so ason no mfiase mu. Bere a Hesekia ne ne mpanyimfo behuu nneɛma no dodow no, wɔdaa Awurade ne ne nkurɔfo Israel ase.
Hesekia bisaa asɔfo no ne Lewifo no se, “Ɛhe na eyinom nyinaa fi bae?” 10 Na ɔsɔfopanyin Asaria a ofi Sadok abusua mu buae se, “Efi bere a ɔmanfo fii ase sɛ wɔde akyɛde reba Awurade Asɔredan mu no, yɛanya bebree a yebedi ama bi aka, efisɛ Awurade ahyira ne nkurɔfo.”
11 Hesekia yɛɛ nʼadwene sɛ obenya adekoradan wɔ Awurade Asɔredan no mu, na wɔyɛe. 12 Na wodii nokware de akyɛde no ne ntotoso du du no nyinaa baa Asɔredan no mu. Wɔde hyɛɛ Lewini Kenania nsa maa ne nua Simei yɛɛ ne boafo. 13 Na Yehiel, Asasia, Nahat, Asahel, Yerimot, Yosabad, Eliel, Ismakia, Mahat ne Benaia yɛ wɔn a wɔhwɛ hɔ no aboafo. Ɔhene Hesekia ne Asaria a na ɔyɛ wɔn a na wɔhwɛ Onyankopɔn Asɔredan no mu so panyin no na wɔkyekyɛɛ saa dibea ahorow yi.
14 Lewini Yimna babarima Kore a ɔyɛ Apuei Pon ano hwɛfo no na wɔde hyɛɛ ne nsa sɛ ɔnkyekyɛ Onyankopɔn ayamye afɔrebɔde a ɛyɛ akyɛde ne nneɛma a wɔde ama Awurade no. 15 Nʼaboafo nokwafo no ne Eden, Miniamin, Yesua, Semaia, Amaria ne Sekania. Na wɔkyekyɛɛ nneɛma no maa asɔfo mmusua a wɔwɔ wɔn nkurow so sɛnea wɔn nkyekyɛmu te, na wɔkyɛɛ nneɛma no pɛpɛɛpɛ maa mmofra ne mpanyin.
16 Na wɔkyɛɛ mmarimaa a wɔadi mfe abiɛsa rekɔ nyinaa akyɛde no bi a wɔn din wɔ wɔn anato nhoma mu, na da biara wɔkɔ Awurade Asɔredan mu, kɔyɛ wɔn nnwuma a wɔde ahyɛ wɔn kuw no nsa no. 17 Na wɔkyɛɛ nneɛma no maa asɔfo a wɔakyerɛw wɔn din wɔ wɔn anato nhoma mu ne Lewifo a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa, a wɔahyehyɛ wɔn din sɛnea wɔn nnwuma ne wɔn nkyekyɛmu te no. 18 Na wɔmaa abusuafo a wɔakyerɛw wɔn din wɔ anato nhoma mu a nkokoaa, ɔyerenom ne mmabarima ne mmabea nso ka ho nnuan. Efisɛ na wɔadi nokware adwira wɔn ho.
19 Na asɔfo, Aaron asefo a na wɔtete nkuraa a atwa nkurow no ho ahyia no anaa nkurow no mu no de, woyiyii nnipa ma wɔkyɛɛ ɔbarima biara a ɔfra asɔfo no mu ne Lewifo a wɔakyerɛw wɔn din anato mu no nneɛma no bi.
20 Saa ɔkwan yi so na Hesekia fa kyɛɛ nneɛma wɔ Yudaman no mu nyinaa, na ɔyɛɛ nea ɛfata na ɛsɔ Awurade, ne Nyankopɔn ani. 21 Nea Hesekia yɛɛ nyinaa de som wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu, ne mmɔden a ɔbɔɔ sɛ obedi ne mmara ne nʼahyɛde so no, ɔde ne koma nyinaa hwehwɛɛ ne Nyankopɔn. Ne saa nti, ɛma onyaa nkɔso bebree.