33
Manase Di Yudahene
Bere a Manase dii ade no, na wadi mfirihyia dumien. Odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum anum. Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, suasuaa abosonsomfo aman nneyɛe a ɛyɛ akyiwade a Awurade apam afi asase a ɛda Israel anim no so no. Ɔsan sisii nsɔree a nʼagya Hesekia sɛee no no. Osii afɔremuka maa Baal ahoni, sisii Asera nnua. Ɔsan kotow nsoromma a ɛwɔ wim no nyinaa, som wɔn. Mpo, osisii abosonsom afɔremuka wɔ Awurade Asɔredan mu, baabi a Awurade aka se, ɛhɔ na ɛsɛ sɛ wodi ne din ni afebɔɔ no. Osisii saa afɔremuka no wɔ Awurade Asɔredan no adiwo abien hɔ, de maa wim nsoromma no. Manase de ɔno ankasa mmabarima bɔɔ afɔre wɔ ogya so wɔ Hinom Babarima Bon mu. Ɔde ne ho hyɛɛ asumansɛm mu, kɔɔ abisa, yɛɛ abayisɛm, kɔɔ samanfrɛfo ne adunsifo nkyɛn. Ɔyɛɛ nneɛma pii a ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so, maa Awurade bo fuwii.
Na Manase faa ohoni a wasen, de kosii Onyankopɔn Asɔredan mu. Ɔde kosii beae koro no ara a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo se, “Wobedi me din ni wɔ ha afebɔɔ, asɔredan yi mu ne Yerusalem, kuropɔn a mayi afi mmusuakuw a ɛwɔ Israel no nyinaa mu no. Sɛ Israelfo di mʼahyɛde nyinaa so, me mmara a wɔnam Mose so mae no nyinaa so a, merentwa wɔn asu mfi asase a mede maa wɔn agyanom no so.” Nanso Manase dii ɔmanfo a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem anim maa wɔyɛɛ bɔnetraso sen abosonsom aman a Awurade sɛee wɔn, bere a Israelfo kɔɔ asase no so no.
10  Awurade kasa kyerɛɛ Manase ne ne nkurɔfo no, nanso wɔantie ne kɔkɔbɔ no mu biara. 11 Enti Awurade maa Asiriafo asraafo bɛfaa Manase yɛɛ no odeduani. Wɔde darewa hyɛɛ ne hwene mu, de kɔbere mfrafrae nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree no, de no kɔɔ Babilonia. 12 Na bere a Manase wɔ ahokyere a emu yɛ den mu no, ɔpɛɛ Awurade, ne Nyankopɔn akyi kwan, na ɔde ahobrɛase su frɛɛ nʼagyanom Nyankopɔn. 13 Na bere a ɔbɔɔ mpae no, Awurade tiee no, na ne sufrɛ no kaa ne koma. Enti Awurade maa Manase san kɔɔ Yerusalem wɔ nʼahenni mu. Afei, Manase tee ase sɛ Awurade nko ara ne Onyankopɔn.
14 Eyi akyi no, Manase san sisii Dawid kuropɔn abɔnten afasu; efi Gihon asuti atɔe fam a ɛwɔ Kidron bon mu, de kɔ Apataa Pon ano, kosi Ofel bepɔw so a wosi ma ɛkɔɔ soro yiye no. Na oduaa nʼasraafo mpanyimfo no wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu.
15 Manase san tutuu ananafo anyame fii mmepɔw no so. Ɔsan tutuu anyame ne ahoni no fii Awurade Asɔredan mu. Obubuu afɔremuka a wasisi wɔ bepɔw so, faako a Asɔredan no si, ne afɔremuka a ɛwɔ Yerusalem nyinaa, na ɔkɔtow guu kuropɔn no mfikyiri. 16 Na ɔsan sii Awurade afɔremuka no, bɔɔ asomdwoe afɔre ne aseda afɔre wɔ so. Afei, ɔhyɛɛ Yuda manfo no nkuran sɛ, wɔnsom Awurade, Israel Nyankopɔn no. 17 Nanso na ɔmanfo no da so bɔ afɔre wɔ abosonsom nsɔree so, a na wɔbɔ ma Awurade wɔn Nyankopɔn no ara.
18 Manase adedi ho nsɛm nkae, ne mpae a ɔbɔɔ srɛɛ Onyankopɔn ne nsɛm a adehufo ka kyerɛɛ no wɔ Awurade, Israel Nyankopɔn din mu no, wɔakyerɛw agu Israel ahemfo nhoma mu. 19 Manase mpae, ɔkwan a Onyankopɔn faa so buaa no, ne ne bɔne ne atoro a odii nyinaa ho nsɛm, wɔakyerɛw agu adehufo nhoma mu. Faako a osii abosonsom nsɔree so, sisii Asera nnua ne ahoni ansa na ɔrenu ne ho no nso ka ho. 20 Bere a Manase wui no, wosiee no wɔ nʼahemfi. Na ne babarima Amon na ɔyɛɛ ɔhene a odi hɔ.
Amon Di Yudahene
21 Bere a Amon dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu abien. Odii hene wɔ Yerusalem mfe abien. 22 Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagya Manase yɛe no. Ɔsom ahoni a nʼagya yɛe no nyinaa, bɔɔ afɔre maa wɔn. 23 Nanso wansɛ nʼagya Manase, efisɛ wammrɛ ne ho ase amma Awurade. Mmom, Amon yɛɛ bɔne maa ɛtraa so.
24 Akyiri no, Amon no ara mpanyimfo pam ne ti so, kum no wɔ nʼahemfi. 25 Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kunkum nnipa a wɔbɔɔ ɔhene Amon ho pɔw no, na wɔde ne babarima Yosia dii ade sɛ ɔhene.