35
Yosia Di Twam Afahyɛ No
Yosia dii Awurade Twam Afahyɛ no wɔ Yerusalem na wokum Twam guamma no wɔ ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan. Yosia maa asɔfo no kɔɔ wɔn nnwuma so, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran wɔ wɔn dwumadi mu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ. Ɔhyɛɛ Lewifo a wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔnsom Awurade, na wɔyɛ akyerɛkyerɛfo wɔ Israel no se, “Esiane sɛ mprempren Apam Adaka no wɔ Salomo Asɔredan mu, na ɛho nhia sɛ mobɛsoa wɔ mo mmati so de adi akɔneaba nti, momfa mo mmere nsom Awurade, mo Nyankopɔn ne ne nkurɔfo Israel. Monkɔ mo nnwuma so sɛnea mo agyanom mmusua nkyekyɛmu no te, ne sɛnea Israelhene Dawid ne ne babarima Salomo ahyɛde a wɔakyerɛw no kyerɛ.
“Munnyinagyina kronkronbea a wɔayi ama mo no, na mommoa mmusua a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no bere a wɔde wɔn afɔre aba Asɔredan mu no. Munkum Twam nguamma no, na munnwira mo ho, na mommoa wɔn a wɔbɛba no. Ahyɛde biara a Awurade nam Mose so de mae no, munni so.”
Na Yosia fii nea ɔwɔ mu, maa nguantenmma ne mmirekyimma mpem aduasa ne anantwinini mpem abiɛsa sɛ nnipa no Twam afɔrebɔde.
Ɔhene no mpanyimfo nso fi wɔn pɛ mu boaa ɔmanfo, asɔfo ne Lewifo no. Hilkia, Sakaria ne Yehiel a wɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no ho mpanyimfo nso maa asɔfo no nguantenmma ne mmirekyimma mpem abien ne ahansia ne anantwinini ahaasa sɛ Twam afɔrebɔde. Lewifo ntuanofo Kenania ne ne nuanom mmarima Semaia, Netanel, Hasabia, Yeiel ne Yosabad maa Lewifo nguantenmma ne mmirekyimma mpem anum ne anantwinini ahannum sɛ wɔn Twam afɔrebɔde.
10 Bere a Twam Afahyɛ no ho ahosiesie baa awiei no, asɔfo ne Lewifo no gyinagyinaa wɔn afa sɛnea ɔhene no ahyehyɛ ama akuwakuw no. 11 Lewifo no kunkum Twam nguamma no, na wɔde mogya no maa asɔfo no, na wɔde petee afɔremuka no so bere a na Lewifo no regua mmoa no. 12 Wɔkyekyɛɛ ɔhyew afɔrebɔde no maa ɔmanfo no sɛnea wɔn mmusua nkyekyɛmu no te, na wɔatumi de abɔ afɔre ama Awurade, sɛnea mmara a wɔakyerɛw agu Mose nhoma no mu no kyerɛ. Saa ara na wɔyɛɛ anantwinini no nso. 13 Wɔtotoo Twam nguamma no sɛnea wɔakyerɛ no, na wɔnoaa afɔrebɔde kronkron no wɔ nkuku, dadesɛn ne nkankyee mu de baa ntɛm so sɛnea ɔmanfo no betumi awe. 14 Akyiri no, Lewifo yɛɛ wɔn ne asɔfo no aduan, efisɛ na asɔfo no ayɛ adwuma fi anɔpa kosi anadwo a wɔrebɔ ɔhyew afɔre no na wɔrehyew srade no. Saa ahosiesie yi nyinaa, Lewifo no na wogye too wɔn ho so yɛe.
15 Asaf asefo nnwom ho nimdefo no nso, na wɔwɔ wɔn nnwuma so, sɛnea Dawid, Asaf, Heman ne Yedutun, ɔhene adehuni no kyerɛɛ wɔn no. Aponanohwɛfo no wɛn apon no a na ɛho nhia sɛ wofi wɔn nnwuma so, efisɛ na wɔn mfɛfo Lewifo no de wɔn nnuan kɔma wɔn wɔ hɔ.
16  Awurade Twam Afahyɛ no baa awiei da no. Wɔbɔɔ ɔhyew afɔre no nyinaa wɔ Awurade afɔremuka no so, sɛnea ɔhene Yosia hyɛe no. 17 Israelfo a wɔwɔ Yerusalem de nnanson dii Twam ne Apiti Afahyɛ no. 18 Efi odiyifo Samuel bere so no, wonnii Twam sɛɛ da. Israel ahemfo no mu biara mpo anni Twam sɛnea Yosia yɛe a ɔmaa asɔfo, Lewifo, ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wofi Yuda ne Israel nyinaa bɛkaa ho. 19 Wodii saa Twam Afahyɛ yi wɔ Yosia ahenni mfirihyia dunwɔtwe so.*
Yosia Wu Wɔ Akono
20 Yosia siesiee Asɔredan no wiei no, Misraimhene Neko dii nʼakofo anim fii Misraim, sɛ wɔrebɛko wɔ Karkemis wɔ asu Eufrate ano. Na Yosia ne nʼakofo nso sii mu sɛ wɔne no rekɔko. 21 Nanso ɔhene Neko tuu abɔfo de nkra yi kɔmaa Yosia: “Dɛn na wo Yudahene hwehwɛ afi me nkyɛn? Me ne wo nni akasakasa nnɛ! Nea mehwehwɛ ne sɛ, me ne ɔman a matu ne so sa no bɛko. Na Onyankopɔn aka akyerɛ me se, menyɛ no ntɛm. Ntwintwan Onyankopɔn a ɔka me ho no anan mu, anyɛ saa a ɔbɛsɛe wo.”
22 Nanso Yosia antie Neko a Onyankopɔn akasa akyerɛ no ampa ara no, annan nʼani. Mmom, odii nʼakofo anim kɔkoo wɔ Megido tataw so. Ɔworɔw nʼahentade no guu nkyɛn baabi sɛnea atamfo no renhu no.
23 Nanso atamfo agyantowfo no tow bɛmma ma ɛwɔɔ ɔhene Yosia, piraa no. Ɔteɛɛ mu frɛɛ ne mmarima se, “Momfa me mfi akono ha, efisɛ mapira pira bɔne.” 24 Enti woyii Yosia fii ne teaseɛnam mu, de no too teaseɛnam foforo mu. Na wɔde no kɔɔ Yerusalem, na ɛhɔ na owui. Wosiee no hɔ wɔ adehye amusiei. Na Yuda ne Yerusalem nyinaa yɛɛ no ayi.
25 Odiyifo Yeremia too kwadwom maa Yosia, na ebesi nnɛ yi, nnwontofo to saa kwadwom a ɛfa ne wu no ho no. Saa kwadwom yi abɛyɛ amanne a wɔakyerɛw ahyɛ Kwadwom Nhoma mu.
26 Yosia ahenni ho nsɛm nkae ne nʼahofama sɛnea Awurade mmara te no, 27 fi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw agu Israel ne Yuda Ahemfo Nhoma mu.
* 35:19 Afe a ɛto so dunwɔtwe. Afe koro no ara mu na wohuu Mmara Nhoma no (34.8,14).