6
Nteaseɛnam Anan
Memaa mʼani so bio, na mihuu nteaseɛnam anan a efi mmepɔw abien ntam reba, mmepɔw no yɛ kɔbere mfrafrae. Teaseɛnam a edi kan no, na apɔnkɔ kɔkɔɔ na wɔtwe, na apɔnkɔ tuntum nso twe nea ɛto so abien no. Nea ɛto so abiɛsa no, na apɔnkɔ fitaa na wɔtwe. Nea ɛto so anan no, na apɔnkɔ ntokontrama na wɔtwe, na apɔnkɔ no nyinaa ho yɛ den. Mibisaa ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no se, “Me wura, eyinom yɛ dɛn?”
Ɔbɔfo no buaa me se, “Eyinom yɛ ahonhom anan a wofi ɔsoro, na wɔrefi wiase nyinaa Awurade no anim akɔ. Teaseɛnam a apɔnkɔ tuntum retwe no rekɔ ɔman a ɛwɔ atifi fam no so. Teaseɛnam a apɔnkɔ fitaa retwe no rekɔ atɔe fam; na nea apɔnkɔ ntokontrama twe no rekɔ anafo fam.”
Apɔnkɔ ahoɔdenfo no fii adi no, wɔpɛɛ sɛ wɔkɔ asase nyinaa so. Na ɔbɔfo no kae se, “Monkɔ asase nyinaa so!” Enti wɔkɔɔ asase so mmaa nyinaa.
Afei ɔfrɛɛ me se, “Hwɛ, wɔn a wɔrekɔ atifi fam man so no ama me Honhom ahomegye wɔ atifi fam asase no so.”
Yosua Ahenkyɛw
Awurade asɛm baa me nkyɛn. Ɔkae se, 10 “Gye sikakɔkɔɔ ne dwetɛ fi wɔn a wɔatwa wɔn asu, Heldai, Tobia ne Yedaia a wofi Babilonia aba no nkyɛn. Da no ara kɔ Sefania babarima Yosia fi. 11 Gye dwetɛ ne sikakɔkɔɔ na fa yɛ ahenkyɛw, hyɛ ɔsɔfopanyin Yosua a ɔyɛ Yehosadak babarima no ti. 12 Ka kyerɛ no se, sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Ɔbarima a wɔfrɛ no Dubaa no ni, na ɔbɛfefɛw afi hɔ akosi Awurade asɔredan no. 13 Ɔno na obesi Awurade asɔredan no, na wɔbɛhyɛ no anuonyam, na ɔbɛtena nʼahengua so adi ne hene, na ɔbɛyɛ ɔsɔfo wɔ nʼahengua so. Afei asomdwoe bɛba abien no ntam.’ 14 Wɔde ahenkyɛw no bɛma Heldai, Tobia, Yedaia ne Sefania babarima Hen, na wɔde ayɛ nkae ade wɔ Awurade asɔredan mu. 15 Wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no bɛba abɛboa Awurade asɔredan no si, na mubehu sɛ Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn. Sɛ moyɛ osetie ma Awurade mo Nyankopɔn nokware mu a, eyi bɛba mu.”