2
1 Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano,  
mo, animguaseman,   
2 ansa na bere a wɔahyɛ no adu,  
na da no resen te sɛ ntɛtɛ,  
ansa na Awurade abufuwhyew no  
aba mo so,  
ansa na Awurade abufuw da no  
aba mo so.   
3 Monhwehwɛ Awurade, ahobrɛasefo a mowɔ asase so,  
mo a moyɛ nʼahyɛde.  
Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase;  
ebia ɔbɛkora mo so  
Awurade abufuw da no.   
Atemmu A Etia Filistia 
 
4 Wobegyaw Gasa  
na wɔagyaw Askelon sɛ amamfo.  
Owigyinae na wɔbɛma Asdod ada mpa mu  
na wɔatutu Ekron ase.   
5 Munnue, mo a mote mpoano,  
mo Keretifo;  
Awurade asɛm tia mo.  
Kanaan, Filistifo asase.  
Mɛtɔre mo ase,  
na obiara renka.   
6 Asase a ɛda mpoano, faako a Keretifo te  
bɛyɛ atenae ama nguanhwɛfo  
ne wɔn nguannan.   
7 Saa asase no bɛyɛ Yudafi nkae no de;  
ɛhɔ na wobenya mmoa adidibea.  
Anwummere, wɔbɛdeda wɔ  
Askelon afi mu.  
Na Awurade, wɔn Nyankopɔn bɛhwɛ wɔn,  
na ɔde wɔn ahonyade nyinaa bɛsan ama wɔn.   
Atemmu A Etia Moab Ne Amon 
 
8 “Mate Moab nsopa ne  
Amonfo atweetwee;  
wɔn a wɔsopaa me nkurɔfo  
na wohunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho.   
9 Enti sɛ mete ase yi,”  
sɛnea Asafo Awurade,  
Israel Nyankopɔn, se ni,  
“Ampa ara Moab bɛyɛ sɛ Sodom,  
na Amonfo ayɛ sɛ Gomora,  
faako a nwura ne nkyene amoa wɔ,  
bɛyɛ asase a ɛda mpan afebɔɔ.  
Me man nkae bɛfow wɔn afa;  
me manfo a wobenya wɔn ti adidi mu no bɛfa wɔn asase.”   
   
 
10 Wɔn ahantan so akatua a wobenya ni,  
sɛ wɔyeyaw na wodi Asafo Awurade nkurɔfo ho fɛw nti.   
11 Awurade ho suro bɛba wɔn so  
bere a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa.  
Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no,  
wɔ wɔn ankasa wɔn asase so.   
Atemmu A Etia Kus 
 
12 “Mo Etiopiafo nso,  
mʼafoa ano na wobekunkum mo.”   
Atemmu A Etia Asiria 
 
13 Awurade bɛteɛ ne nsa wɔ atifi aman so  
na wasɛe Asiria,  
na wama Ninewe ada mpan koraa  
na so awo wosee sɛ nwea pradada so.   
14 Nguankuw ne anantwi bɛdeda hɔ,  
mmoadoma nyinaa.  
Sare so patu ne abonsamnoma  
bɛtena nʼadum no so.  
Wɔn su begyigye afa mfɛnsere mu,  
nnwiriwii besisiw apon ano akwan,  
mpuran a wɔde sida ayɛ no ho bɛdeda hɔ.   
15 Eyi ne kuropɔn a edi ahurusi  
na ɛte asomdwoe mu.  
Ɔhoahoaa ne ho se,  
“Me ne no, obiara nte sɛ me.”  
Hwɛ sɛnea atetew apansam,  
na ayɛ nkekammoa atenae!  
Obiara a otwa mu wɔ hɔ no serew no,  
him ne nsa fɛwdi so.