Paulo Nhoma A Edi Kan A
Ɔkyerɛw Kɔmaa
Korintofo
1
Nkyia
Saa krataa yi fi me, Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so nti, wɔafrɛ me sɛ menyɛ Kristo Yesu somafo no ne onua Sostene nkyɛn,
 
Yɛde rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto no ne wɔn a wɔafrɛ wɔn se wɔmmɛyɛ Onyankopɔn akyidifo kronkron no, ne wɔn a wɔwɔ baabiara a wɔbɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din sɛ ɔyɛ wɔn ne yɛn Awurade no:
 
Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo.
 
Aseda
Esiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no nti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo. Ɛnam ne so ama moayɛ ma biribiara mu, ɔkasa ne adwene mu. Kristo ho asɛm atim wɔ mo mu. Esiane sɛ moretwɛn ama wɔada yɛn Awurade Yesu Kristo adi no nti munya nhyira biara bi. Ɔbɛhyɛ mo den akosi awiei sɛnea ɛbɛyɛ a, da a Awurade Yesu Kristo bɛba no, wɔrennya mo ho mfomso biara. Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne Ba Yesu Kristo ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafo.
Asafo No Mpaapaemu
10 Anuanom, menam Awurade Yesu Kristo tumi so tu mo fo se asɛm biara a mobɛka no, monyɛ adwene na mo mu ampaapae. Munso adwene ne botae baako mu na ama moayɛ baako. 11 Anuanom, nnipa bi a wofi Kloe fi apae mu aka akyerɛ me se, akasakasa wɔ mo asafo yi mu. 12 Asɛm a mepɛ sɛ meka ne sɛ, wɔn mu biara ka asɛm a ɔpɛ. Oyi ka se, “Mewɔ Paulo afa” a, ɔfoforo se, “Mewɔ Apolo afa.” Obi sɔre na ose, “Mewɔ Petro afa” a, ɔbaako nso se, “Mewɔ Kristo afa.”
13 Wɔakyekyɛ Kristo mu akuwakuw? Paulo na owui wɔ asennua no so maa mo ana? Wɔbɔɔ mo asu wɔ Paulo din mu ana? 14 Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu ka Krispo ne Gaio ho. 15 Obiara rentumi nka se wɔbɔɔ mo asu sɛ mʼasuafo. 16 Mekae sɛ mebɔɔ Stefana ne ne fifo asu. Na menkae sɛ mebɔɔ obi foforo asu bio. 17 Kristo ansoma me se memmɛbɔ asu, na mmom ɔsomaa me se memmɛka asɛmpa a emfi nnipa nyansa mu, na obi annyina so amma Kristo wu a owui wɔ asennua no so no mu tumi anyɛ ɔkwa.
Kristo A Ɔyɛ Onyankopɔn Tumi
18 Asɛnka a ɛkyerɛ Kristo asennuambɔ no yɛ nsɛm a aba nni mu ma wɔn a wɔreyera. Nanso yɛn a wɔregye yɛn nkwa no de, ɛyɛ Onyankopɔn tumi. 19 Kyerɛwsɛm no ka se,
“Mɛsɛe anyansafo nyansa,
na mɛma nimdefo adenim ayɛ ɔkwa.”
20 Enti onyansafo wɔ he? Onimdefo nso wɔ he? Wiase yi mu akyinnyegyefo wɔ he? Onyankopɔn akyerɛ sɛ wiase yi mu nyansa yɛ ohunu 21 Enti Onyankopɔn nam ɔno ara ne nyansa so yɛɛ sɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔfa wɔn ara wɔn nyansa so hu no no renhu no da. Na mmom Onyankopɔn yɛɛ nʼadwene sɛ wɔn a wogye asɛm a “aba nni mu” a yɛka no di no, obegye wɔn nkwa. 22 Yudafo hwehwɛ sɛ wohu nsɛnkyerɛnne, na Helafo nso hwehwɛ nyansa. 23 Nanso yɛn de, yɛka Kristo wu a owui wɔ asennua no so no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ Yudafo abufuw na ɛyɛ asɛm a aba nni mu ma amanamanmufo; 24 nanso Yudafo ne amanamanmufo a Onyankopɔn afrɛ wɔn no, Kristo yɛ Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa. 25 Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ sɛ aba nni mu no, aba wɔ mu sen nnipa nyansa, na saa ara nso na nea ɛyɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn fam no yɛ den sen nnipa ahoɔden.
26 Afei anuanom, monkae bere a Onyankopɔn frɛɛ mo no tebea a na mowɔ mu. Nnipa fam de, na mo mu bebree nyɛ anyansafo, na mo mu bebree nni tumi, na mo mu bebree nyɛ adehye nso. 27 Nanso Onyankopɔn faa wiase yi mu nsɛm a aba nni mu no, nam so guu anyansafo anim ase. Onyankopɔn faa nneɛma a ɛyɛ mmerɛw wɔ wiase, nam so de guu ahoɔden anim ase. 28 Ɔfaa nea wiase mmu na wɔmfa nyɛ hwee no de sɛee nea wiase susuw sɛ ɛho hia no. 29 Eyi kyerɛ sɛ obi ntumi nhoahoa ne ho wɔ Onyankopɔn anim. 30 Nanso Onyankopɔn aka mo abata Kristo Yesu ho na Onyankopɔn nam Kristo so ama yɛn nyansa; ɛnam ne so ma yɛateɛ wɔ Onyankopɔn anim. Yɛyɛ Onyankopɔn ahotefo a wama yɛade yɛn ho. 31 Enti sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no, ɔnhoahoa ne ho wɔ nea Awurade ayɛ mu.”