Yohane
Nhoma A Edi Kan
1
Yɛrekyerɛw mo afa Nkwa Asɛm a ɛwɔ hɔ fi mfiase; nea yɛate, nea yɛde yɛn ani ahu, nea yɛhwɛe na yɛde yɛn nsa kae, eyi ne Nkwa Asɛm a yɛreka ho asɛm no. Nkwa no daa ne ho adi; yɛahu na yɛadi ho adanse, na yɛka nkwa a enni awiei a na ɛwɔ Agya no nkyɛn na wɔada no adi akyerɛ yɛn no kyerɛ mo. Yɛkaa nea yehui na yɛtee no kyerɛɛ mo nso, sɛnea ɛbɛyɛ a mo ne yɛn bɛyɛ adedifo wɔ ɔdɔ a yɛne Agya no ne Ɔba Yesu Kristo wɔ no mu. Yɛrekyerɛw eyi sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn anigye bewie pɛyɛ.
Onyankopɔn Yɛ Hann
Afei, eyi ne asɛm a yɛate afi ne Ba no nkyɛn a yɛrebɔ mo amanneɛ. Onyankopɔn yɛ hann a sum nni ne mu koraa. Na sɛ afei yɛka se yɛne no wɔ ayɔnkofa na saa bere koro no ara mu yɛte sum mu a, na yɛredi atoro wɔ yɛn nsɛm ne yɛn nneyɛe mu. Na sɛ yɛte hann mu sɛnea ɔte hann mu no a, ɛno de na yɛne yɛn ho yɛn ho wɔ ayɔnkofa, na ne Ba Yesu no mogya tew yɛn ho fi bɔne nyinaa ho.
Sɛ yɛka se yenni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokware no nni yɛn mu. Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyankopɔn a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnte nyinaa ho. 10 Sɛ yɛka se yɛnyɛɛ bɔne a, yɛma Onyankopɔn yɛ ɔtorofo a nʼAsɛm no nni yɛn mu.