Petro
Nhoma A Edi Kan
1
Saa krataa yi fi Yesu Kristo somafo Petro nkyɛn,
 
Ɔde kɔma Onyankopɔn nnipa a wayi wɔn a wɔabɔ ahwete sɛ ahɔho kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia amantam mu no. Wɔnam Agya Onyankopɔn botae so na woyii mo na wɔnam ne Honhom so tew mo ho sɛ munni Yesu Kristo akyi na ɛnam so ama ne mogya no atew mo ho:
 
Adom ne asomdwoe a ɛdɔɔso nka mo.
 
Anidaso
Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane nʼahummɔbɔ dodow nti, ɔnam nyan a onyan Yesu Kristo fii owu mu no so maa yɛn nkwa foforo. Eyi ma yenya anidaso a ase atim, enti yɛrehwɛ anim sɛ yebenya nhyira dodow a Onyankopɔn akora a ɔde bɛma ne mma no bi. Ɔde asie wɔ ɔsoro ama mo, efisɛ hɔ de, ɛremporɔw anaa ɛrensɛe na ɛrempa nso. Na Onyankopɔn gyina ne tumi kɛse no so bɛhwɛ sɛ mubedu hɔ wɔ asomdwoe mu na mo nsa aka, efisɛ mugye no di. Ɛbɛyɛ mo de nna a edi akyiri no mu ama obiara ahu. Ɛwɔ mu sɛ ebia ɛbɛba mprempren, esiane ɔhaw bebree a mobɛfa mu no nti, mo werɛ bɛhow de, nanso momma mo ani nnye saa asɛm yi ho. Ɔhaw ba sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu sɛ mo gyidi no yɛ kann. Sikakɔkɔɔ a wotumi sɛe no no mpo, wɔde ogya sɔ hwɛ, enti ɛsɛ sɛ wɔsɔ mo gyidi a ɛsom bo kyɛn sikakɔkɔɔ no hwɛ hu sɛ ebetumi agyina ana. Ɛno ansa na da a Yesu Kristo bɛba no, mubenya anuonyam. Ɛwɔ mu sɛ munhu Yesu de, nanso modɔ no. Munhu no mprempren de, nanso mugye no di. Anigye a moanya no boro so, efisɛ mo nsa renka gyidi so mfaso a ɛyɛ mo kra nkwagye no.
10 Saa nkwagye yi na adiyifo no de boasetɔ hwehwɛɛ mu, hyɛɛ saa akyɛde yi a Onyankopɔn de bɛma mo no ho nkɔm. 11 Wɔpɛɛ sɛ wohu bere no ne ɔkwan a ɛnam so bɛba. Saa bere yi ne bere a Kristo Honhom a ɛte wɔn mu no rekyerɛ wɔ nkɔmhyɛ a ɛfa Kristo amanehunu a ɔbɛfa mu ne anuonyam a ebedi akyi no ho. 12 Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifo no sɛ, wɔanyɛ adwuma no amma wɔn ho, na mmom wɔyɛ de som mo. Wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no fii ɔsoro no tumi so kaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo. Ɛwɔ mu sɛ abɔfo no pɛɛ sɛ wɔbɛte Asɛmpa yi de, nanso wɔde brɛɛ mo nko ara.
13 Enti munsi mo adwene pi na munni dwuma. Munnyina yiye na momma mo ani nna nhyira a wɔde bɛma mo Yesu Kristo ba a ɔbɛba no mu no so. 14 Muntie Onyankopɔn, na mommma akɔnnɔ abrabɔ a edii mo so bere a na munnim no no nni mo so. 15 Na mmom monyɛ kronkron wɔ biribiara a moyɛ mu, sɛnea Onyankopɔn a ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no. 16 Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.”
17 Monkae sɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro a mobɔ no mpae no nhwɛ nnipa anim wɔ nʼatemmu mu. Ɛno nti momfa nidi nyinaa mma no wɔ mo nna a aka mo wɔ asase yi so no. 18 Efisɛ munim bo a wotua de gyee mo fii abrabɔ bɔne a mo nananom kyerɛɛ mo no mu. Ɛnyɛ ade a ɛhwere ne bo a ɛsom te sɛ dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ no. 19 Kristo a ɔte sɛ oguamma a onni dɛm no de ne ho bɔɔ afɔre a ne bo yɛ den ma munyaa ahofadi. 20 Ansa na wɔrebɔ wiase no, na Onyankopɔn ayi no na mo nti na nna a edi akyiri no wɔdaa no adi no. 21 Ɛnam ne so na mugyee Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu na ɔmaa no anuonyam no dii. Ɛnam so ama mo gyidi ne mo anidaso ase atim wɔ Onyankopɔn mu no.
22 Afei a moayɛ osetie ama nokware no nti, mo ho atew na mododɔ mo nuanom agyidifo nokware mu yi, mumfi mo koma nyinaa mu nnodɔ mo ho mo ho. 23 Efisɛ wɔawo mo foforo; emfi aba a ɛporɔw mu, na mmom efi Onyankopɔn asɛm a ɛmporɔw no mu. 24 Kyerɛwsɛm no ka se,
“Nnipa nyinaa te sɛ sare;
na wɔn anuonyam te sɛ nhwiren.
Sare no wu ma ne nhwiren no po,
25 nanso Awurade asɛm no wɔ hɔ daa nyinaa.”
Eyi ne asɛm a Asɛmpa no de brɛɛ mo.