2
Hana Ayeyi Mpaebɔ
Na Hana bɔɔ mpae se,
“Me koma di ahurusi wɔ Awurade mu!
Awurade mu na wɔma mʼabɛn so.
Afei, manya mmuae ama mʼatamfo,
na mʼani gye wɔ wo gye no ho.
 
“Obiara nyɛ kronkron sɛ Awurade!
Obi bi nnka wo ho;
Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.
 
“Nkɔ so nkasa ahomaso so
anaa nka ahantan kasa,
efisɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a onim,
na wɔfa ne so kari nneyɛe.
 
“Wɔabubu akofo mpeaw,
na wɔama wɔn a wohintihintiw no ahoɔden. Afei, wɔayɛ den.
Wɔn a na wodidi mee pintinn no afei, ɔkɔm rekum wɔn.
Na wɔn a ɔkɔm rekum wɔn no nso afei, wɔamee pintinn.
Afei, obonin wɔ mma baason.
Na ɔbea a na ɔwɔ mma pii no, mma bɛbɔ no.
 
Awurade de nkwa ne owu nyinaa ba;
Ɔka bi hyɛ ɔda mu, na onyan ebinom.
Awurade yɛ obi ohiani na wayɛ obi ɔdefo;
ɔbrɛ obi ase na wapagyaw obi.
Ɔpagyaw ohiani fi mfutuma mu
Yiw, oyi no fi nsosiw mu!
Ɔyɛ wɔn sɛ mmapɔmma,
de wɔn tena anuonyam ahengua so.
 
“Efisɛ asase fapem yɛ Awurade de,
na watoto wiase sɛnea ɛsɛ.
Ɔbɛbɔ onyamesurofo ho ban,
na amumɔyɛfo bɛyera esum mu.
 
“Sɛ ahoɔden mu nko de a, obiara renni nkonim.
10 Wɔn a wɔko tia Awurade no, ɔbɛdwerɛw wɔn.
Ɔpae aprannaa fi wim gu wɔn so;
Awurade bu atɛn wɔ asase so baabiara.
 
“Ɔma ne hempɔn ahoɔden kɛse;
nea wasra no no, ɔhyɛ nʼahoɔden mu den.”
11 Afei, Elkana ne Hana gyaw Samuel hɔ ma wɔkɔɔ fie wɔ Rama. Na abarimaa no bɛyɛɛ Awurade somfo wɔ ɔsɔfo Eli nan ase.
Eli Mmabarima Amumɔyɛfo
12 Na Eli mmabarima no yɛ asansafo a wɔmfɛre Awurade, 13 anaa wɔn asɔfodwuma. Bere biara a obi bɛba abɛbɔ afɔre na wɔrenoa nam no, Eli mma no soma ɔsomfo de adinam a ɛwɔ ano abiɛsa ba. Bere a nam no si gya so no, 14 ɔsomfo no de adinam no wɔ dadesɛn no mu. Na wɔhyɛ sɛ nea adinam no bɛwɔ mu no nyinaa yɛ Eli mma no de. Wɔde Israelfo a wɔba Silo hɔ nyinaa faa saa ɔkwan yi so. 15 Ɛtɔ da bi a, ansa na wɔbɛhyew srade* Na mmara no ka se, ɛsɛ sɛ wɔhyew srade ne sradenam wɔ afɔremuka no so (3 Mose 3.16; 4.8-10). no, ɔsɔfo no somfo ba bɛka kyerɛ onipa a ɔrebɔ afɔre no se, “Ma ɔsɔfo no nam no bi, na ɔntoto. Ɔmpɛ wo nam a woanoa, na mmom, nam amono nko ara.”
16 Onipa a ɔrebɔ afɔre no ka se, “Fa dodow biara a wopɛ, nanso srade no de, ɛsɛ sɛ wɔhyew ansa.” Ɛhɔ na ɔsomfo no bɛka se, “Dabi da, fa ma me mprempren ara, anyɛ saa a, mede me tumi bɛfa.”
17 Na saa bɔne a mmerante yi yɛ yi yɛ akyiwade wɔ Awurade anim, efisɛ na wobu Awurade afɔrebɔ no animtiaa.
18 Samuel de, ɛwɔ mu sɛ na ɔyɛ abarimaa de, nanso na ɔyɛ Awurade somfo a wɔde nwera asɔfotade ahyɛ no te sɛ ɔsɔfo. 19 Afe biara a ne na ne ne kunu rekɔbɔ afirihyia afɔre no, na ne na pam batakari ketewaa bi de kɔma no. 20 Ansa na wɔbɛsan akɔ fie no, Eli hyira Elkana ne ne yere ka se, “Awurade mma ɔbea yi nwo mma, na ommesi nea ɔbɔɔ ne ho mpae nyae a ɔde no maa Awurade no anan mu.” 21 Na Awurade maa Hana woo mmabarima baasa ne mmabea baanu. Na Samuel nyinii wɔ Awurade anim.
22 Afei, Eli bɔɔ akwakoraa, nanso na onim nea ne mmabarima no de reyɛ Israelfo. Nhwɛso bi ne sɛ, na onim sɛ ne mmabarima no fa mmabaa a wɔboa ntamadan no ano adwumayɛ no. 23 Eli ka kyerɛɛ wɔn se, “Metete mo ho nsɛm fi ɔmanfo nkyɛn a ɛfa amumɔyɛsɛm a mudi no ho. Adɛn nti na mokɔ so yɛ bɔne? 24 Me mma, ɛsɛ sɛ mugyae! Mo ho nsɛm a metete fi Awurade nkurɔfo nkyɛn no nye. 25 Sɛ obi yɛ bɔne tia ɔfoforo a, Onyankopɔn tumi gyina mu ma ɔfɔdifo no. Nanso sɛ obi yɛ bɔne tia Awurade a, hena na obetumi agyina mu?” Eli mma no antie wɔn agya afotu no, na Awurade nso reyɛ nʼadwene sɛ obekum wɔn.
26 Na abofra Samuel nyinii, na ɔkɔɔ so nyaa adom fii Awurade ne ɔmanfo nkyɛn.
Eli Abusuafo Kɔkɔbɔ
27 Da koro bi Onyankopɔn nipa bi baa Eli nkyɛn bɛkae se, “Sɛɛ na Awurade se, ‘Manna me ho adi pefee ankyerɛ wʼagya fi bere a na wɔyɛ nkoa wɔ Misraim no ana? 28 Israel mmusuakuw no nyinaa mu no, Aaron na miyii no sɛ, ɔnyɛ me sɔfo a ɔbɛkɔ afɔremuka anim akɔhyew aduhuam, na wɔahyɛ asɔfotade wɔ mʼanim. Na mede afɔre a wɔbɔɔ no ogya so no nyinaa maa mo asɔfo no. 29 Adɛn nti na mutiatia me kum afɔre ne mʼaduan afɔre so? Adɛn nti na mubu mo mmabarima sen me? Moawe afɔrebɔde a me nkurɔfo Israelfo bɔ no mu kyɛfa a eye no, na monam so ayeyɛ akɛse!’
30 “Enti asɛm a Awurade, Israel Nyankopɔn ka ara ni: ‘Meremma nneɛma bɔne a moreyɛ yi nkɔ so! Mehyɛɛ bɔ sɛ wo Lewi abusuafo no bɛyɛ mʼasɔfo, nanso wɔn a wodi me ni no, medi wɔn ni; na wɔn a wobu me animtiaa no, mɛbɔ wɔn ahohora. 31 Mɛma mo fifo agyae mʼasɔfodi som no. Mpatuwu rempa mo fi da na mo mu biara rentena ase nni mfe mmee, 32 na mubehu awerɛhow wɔ me tenabea. Ɛwɔ mu, trenee bɛba Israel so, nanso obiara nni mo abusua mu a obenyin abɔ akwakoraa. 33 Wɔn a wɔbɛka no bɛtena ase awerɛhow ne ahoɔmmerɛw mu. Na mo asefo bɛtetew abun awuwu.
34 “ ‘Na sɛnea ɛbɛyɛ na wubehu sɛ nea maka no bɛba mu saa no nti, mɛma wo mmabarima baanu no, Hofni ne Pinehas no awuwu da koro mu. 35 Ɛno akyi masi ɔsɔfo foforo a ɔyɛ ɔnokwafo a ɔbɛsom me, na wayɛ nea mɛkyerɛ no sɛ ɔnyɛ biara. Mehyira nʼasefo, na ne fifo bɛyɛ ahene a mɛsra wɔn ngo no asefo akosi daa. 36 Na wʼasefo nyinaa bɛkotow nʼasefo, asrɛsrɛ wɔn sika ne aduan. Wɔbɛka se, “Mesrɛ mo, momma yɛn nnwuma bi nyɛ wɔ asɔfo no mu sɛnea ɛbɛma yɛanya aduan adi amee.” ’ ”

*2:15 Na mmara no ka se, ɛsɛ sɛ wɔhyew srade ne sradenam wɔ afɔremuka no so (3 Mose 3.16; 4.8-10).