Paulo Nhoma A Edi Kan A
Ɔkyerɛw Kɔmaa
Tesalonikafo
1
Saa nhoma yi fi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn,
 
Wɔde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma no:
 
Adom ne asomdwoe nka mo.
 
Aseda
Daa yɛda Onyankopɔn ase ma mo, na yɛkae mo wɔ yɛn mpaebɔ mu nso. Efisɛ yɛkae mo gyidi a mode di dwuma, mo dɔ a ɛma mutumi de nsi yɛ adwuma ne mo anidaso dennen a mowɔ wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no wɔ yɛn Nyankopɔn ne Agya no anim.
Anuanom, yenim sɛ Onyankopɔn dɔ mo nti na wayi mo sɛ ɔno ankasa ne de no. Sɛ yɛbɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo a, ɛnyɛ nsɛm bi kwa, na mmom yegyina tumi ne Honhom Kronkron ne mu nokware mu gyidi so. Munim nnipa ko a na yɛyɛ ɛne sɛnea yɛboaa mo fae. Musuasuaa yɛn ne Awurade; ɛwɔ mu sɛ muhuu amane de, nanso mode anigye a efi Honhom Kronkron no mu gyee asɛm no. Ɛnam so ma mobɛyɛɛ nhwɛso maa agyidifo a wɔwɔ Makedonia ne Hela nyinaa. Nsɛm a moka faa Awurade ho no ankɔ Makedonia ne Hela nko, na mmom gyidi a mowɔ wɔ Onyankopɔn mu no ho asɛm adu baabiara. Asɛm biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ yɛka bio. Obiara kamfo sɛnea mugyee yɛn ne sɛnea motwee mo ho fii abosom ho kɔsom nokware Nyankopɔn a ɔte ase daa no, 10 na motwɛn ne Ba a ofi ɔsoro no; Yesu a onyan no fii awufo mu a ogye yɛn fi Onyankopɔn abufuw a ɛreba no mu no.