Paulo Nhoma A Ɛto So Abien A
Ɔkyerɛw Kɔmaa
Tesalonikafo
1
Nkyia
Saa nhoma yi fi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn,
 
Wɔde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nkurɔfo no:
 
Adom ne asomdwoe a efi Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo.
 
Aseda
Anuanom, ɛsɛ sɛ da biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa, efisɛ mo gyidi ne ɔdɔ a modɔ afoforo no mu den ara na ɛreyɛ. Saa nti na yɛn ankasa yɛde mo hoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn asafo ahorow mu no. Yɛde ɔtaa ne amanehunu a mokɔ so gyina ano no hoahoa yɛn ho.
Eyinom nyinaa di adanse sɛ Onyankopɔn bu atɛntrenee; ɛno nti wɔbɛkan mo afra wɔn a wɔbɛkɔ nʼahenni a morehu ho amane no mu. Onyankopɔn bɛyɛ nea ɛteɛ. Wɔn a wɔbɛma mo ahu amane no, ɔno nso bɛma wɔahu amane, na wama mo a morehu amane no ne yɛn nso ahome. Saa asɛm yi besi wɔ bere a Awurade Yesu nam ogyaframa mu fi ɔsoro reba a nʼabɔfo atumfo ka ne ho no, abɛtwe wɔn a wonnim Onyankopɔn na wontie yɛn Awurade Yesu Asɛmpa no aso. Wɔbɛkɔ daa ɔsɛe mu na wɔayi wɔn afi Awurade anim ne nʼanuonyam mu, 10 da a ɔbɛma nʼakyidifo ne nʼasuafo ahyɛ no anuonyam no. Mo nso mobɛfra saa nkurɔfo no mu, efisɛ moagye asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no adi.
11 Eyi nti na daa yɛbɔ mpae ma mo no. Yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma mo ntumi mmɔ ɔbra a ɛno nti ɔfrɛɛ mo no. Onnyina ne tumi so mma mo tumi, nyɛ mo apɛde ne biribiara a mo gyidi bɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no nyinaa. 12 Yɛbɔ mpae sɛnea monam yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom so bɛhyɛ Awurade Yesu din anuonyam wɔ mo mu na mo nso, wɔahyɛ mo anuonyam wɔ ne mu.