Odiyifo
Amos
Nhoma
1
Amos, Tekoa nguanhwɛfo no mu baako nsɛm ni. Onyaa saa anisoadehu yi a ɛfa Israel ho mfe abien ansa na asase wosowee, bere a Usia di hene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di hene wɔ Israel no.
 
 
Ɔkae se,
Awurade bobɔ mu fi Sion bepɔw so
na ɔde aprannaa nnyigyei nso fi Yerusalem;
nguanhwɛfo mmoa adidibea rehyew
na Karmel atifi nso kisa.”
Atemmu A Ɛfa Amanamanmufo Ahorow Ho
Nea Awurade se ni:
“Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so
ɛno nti, merennan mʼabufuw.
Efisɛ ɔde awiporowbea ade a ɛwɔ dade se
dwerɛw Gilead.
Mede ogya bɛto Hasael fi
na ahyew Ben-Hadad aban no.
Mebubu Damasko apon,
na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bon no mu no
ne nea okura ahempema wɔ Bet Eden no.
Na Aramfo bɛkɔ nnommum mu wɔ Kir,”
sɛnea Awurade se ni.
Nea Awurade se ni:
“Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so,
ɛno nti, merennan mʼabufuw no.
Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum
na ɔtɔn wɔn maa Edomfo.
Mede ogya bɛto Gasa afasu mu,
na ahyew nʼaban no.
Mɛsɛe Asdod hene no
ne nea okura ahempema wɔ Askelon no.
Mɛdan me nsa atia Ekron,
kosi sɛ Filistini a otwa to no bewu,”
sɛnea Asafo Awurade se ni.
Nea Awurade se ni:
“Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so,
ɛno nti, merennan mʼabufuw.
Ɔfaa ɔmanmu no nnommum
na ɔtɔn wɔn maa Edomfo,
a wankae onuadɔ apam.
10 Mede ogya bɛto Tiro afasu no mu,
na ahyew nʼaban.”
11 Nea Awurade se ni:
“Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so,
ɛno nti, merennan mʼabufuw.
Ɔde afoa taataa ne nua,
a wannya ayamhyehye biara.
Efisɛ ne bo kɔɔ so fuwii,
na obiara antumi annwudwo nʼabufuw no ano.
12 Mede ogya bɛto Teman mu,
na ahyew Bosra aban.”
13 Sɛnea Awurade se ni:
“Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so,
ɛno nti, merennan mʼabufuw.
Ɔde afoa paapaee Gilead apemfo yafunu mu
de trɛw nʼahye mu.
14 Mede ogya bɛto Raba afasu mu
na ahyew nʼaban
wɔ ɔko da mu nteɛteɛmu
ne ahum da mfɛtɛ mu.
15 Na ne hene ne mmapɔmma
bɛbɔ mu akɔ nnommum mu,”
sɛnea Awurade se ni.