Daniel
Nhoma
1
Woyi Israelfo Baanan Tetew Wɔn
Yudahene Yehoiakim dii ade ne mfe abiɛsa mu no, Babiloniahene Nebukadnessar baa Yerusalem de nʼasraafo betuaa ɔman no ano. Awurade maa no dii Yudahene Yehoiakim so nkonim. Bere a Nebukadnessar resan akɔ Babilonia no, ɔtasee akronkronne bi fii Onyankopɔn asɔredan mu, de kɔɔ nʼabosonnan mu koguu adekorabea hɔ wɔ Babilonia asase so.
Afei ɔhene no ka kyerɛɛ ne piamfohene Aspenas se, ɔmfa mmerante no bi a wofi Yuda adehye abusua mu, ne wɔn a wofi mmusua atitiriw mu a wɔde wɔn aba Babilonia sɛ nnommum no mmra ahemfi hɔ, mmerante ahoɔdenfo a wɔn ho nni dɛm, na wɔn ho yɛ fɛ. Hwɛ sɛ wɔwɔ nhumu, na wɔadom wɔn osuahu mu akyɛde a wonim nyansa, na wɔwɔ nnyinaso bi a ɛbɛma wɔatumi asom wɔ ahemfi hɔ. Kyerɛ mmerante no Kaldeafo kasa ne ne nhoma. Ɔhene no hyɛe sɛ, daa wɔmfa aduan ne nsa a efi ne didipon so mmrɛ wɔn. Na ɛsɛ sɛ wɔtetew wɔn mfe abiɛsa, na wɔn mu bi abɛyɛ nʼasomfo.
Mmerante baanan bi a woyii wɔn no ne Daniel, Hanania, Misael ne Asaria a wɔn nyinaa fi Yuda abusuakuw mu. Piamfohene no de din foforo totoo wɔn. Ɔtoo Daniel Beltesasar; ɔtoo Hanania Sadrak; ɔtoo Misael Mesak na ɔtoo Asaria Abednego.
Na Daniel yɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenni aduan, nnom nsa a ɔhene no de bɛbrɛ wɔn no, ɔsrɛɛ piamfohene no sɛ ɔmma no kwan na wangu ne ho fi. Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa piamfohene no anim adɔe ne mmɔborɔhunu. 10 Piamfohene no ka kyerɛɛ Daniel se, “Me wura ɔhene no ahyɛ sɛ munni saa aduan yi, na monnom nsa no. Sɛ mofonfɔn na wɔde mo toto mmabun a wɔyɛ mo tipɛnfo no ho a, ɔhene no bɛma wɔatwa me ti sɛ matoto mʼadwuma ase.”
11 Daniel ka kyerɛɛ ɔsomfo a piamfohene no de no asi ɔno ne Hanania, Misael ne Asaria so no se, 12 “Ma yɛn nhabamma ne nsu nnadu, na fa sɔ yɛn hwɛ. 13 Afei fa yɛn toto mmerante afoforo no a wɔredi ɔhene nnuan pa no ho, na hwɛ sɛnea yɛte. Ɛno akyi, yɛ wo nkoa sɛnea wuhu.” 14 Enti ɔsomfo no penee asɛm a Daniel de too nʼanim no so, sɔɔ wɔn hwɛɛ nnadu.
15 Nnadu no akyi, wohuu sɛ wɔn anim ayɛ fɛ na wɔwɔ honam sen mmerante a wodii ahennuan no nyinaa. 16 Enti ɔsomfo no sii gyinae sɛ ɔbɛtoa so ama wɔn nhabamma nko ara, na wamfa ahennuan amma wɔn.
17 Na mmerantewa baanan yi Nyankopɔn maa wɔn nhomanim ne nyansahu nyinaa mu nimdeɛ, na Daniel nyaa anisoadehu ne dae nkyerɛase ho nimdeɛ.
18 Bere a ɔhene no ahyɛ no soe no, ɔpanyin no de mmerante yi nyinaa brɛɛ Nebukadnessar. 19 Ɔhene no ne wɔn nyinaa kasae, na wɔn mu biara ansɔ nʼani gye sɛ, Daniel, Hanania, Misael ne Asaria. Enti wɔde wɔn kaa ɔhene no piamfo no ho. 20 Asɛm biara a ehia nyansa ne ntease a ɔhene no bisa wɔn no ohu sɛ wɔsen nkonyaayifo ne pɛadeahufo a wɔwɔ nʼaheman mu nyinaa no mpɛn du.
21 Daniel tenaa hɔ ara kosii ɔhene Kores adedi afe a edi kan mu.