12
Awiei Mmere
“Saa bere no, Mikael, ɔhene babarima titiriw a ɔbɔ wo nkurɔfo ho ban no bɛsɔre. Ahohia bere bi bɛba a, efi aman no mfiase besi saa da no, biribi a ɛte saa nsii da. Nanso saa bere no, wo nkurɔfo no mu biara a wobehu sɛ wɔakyerɛw ne din wɔ nhoma no mu no, wobegye no nkwa. Nnipadɔm a wɔadeda fam wɔ dɔte mu no benyan: ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom nso akɔ aniwu ne daa ahohora mu. Wɔn a wɔyɛ anyansafo no bɛhyerɛn te sɛnea ɔsoro hyerɛn, na wɔn a wɔdan afoforo kɔɔ trenee mu no bɛhyerɛn sɛ nsoromma, daapem. Nanso wo Daniel, bobɔw na sɔw nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no ano kosi awiei bere no. Bebree bekyinkyin akɔpɛ nimdeɛ.”
Afei, me Daniel, mehwɛ huu nnipa baanu bi wɔ mʼanim; ɔbaako gyina asubɔnten no konkɔn so, na ɔbaako nso gyina konkɔn a ɛhwɛ baako no anim no so. Wɔn mu baako bisaa ɔbarima a ofura nwera a ogyina asu no so no se, “Ebedi nnaahe ansa na anwonwade yi aba mu?”
Ɔbarima no a ofura nwera na ɔwɔ asu no so no maa ne nsa nifa ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na metee sɛ ɔde nea ɔte hɔ daa no kaa ntam se, “Ɛbɛkɔ so saa ara akosi bere bi, mmere bi ne bere sin bi. Sɛ nnipa kronkron no tumisɛe no ba awiei koraa a, wobewie saa nneɛma yi nyinaa.”
Metee, nanso mante ase. Enti mibisae se, “Me Wura dɛn na ebefi eyinom nyinaa mu aba?”
Na obuae se, “Daniel kɔ, efisɛ wɔabobɔ nsɛm no so, asɔw ano de akosi awiei mmere no. 10 Wɔbɛhohoro bebree ho a fi ne nkekae biara renka wɔn ho, nanso atirimɔdenfo bɛkɔ so ayɛ atirimɔden; wɔn mu biara rente ase, nanso anyansafo de wɔbɛte ase.
11 “Efi da a wɔbɛbra daa afɔrebɔ na wɔde akyiwade a ɔsɛe nam ne so bɛba abesi hɔ no bɛyɛ nnafua apem ahannu aduɔkron. 12 Nhyira ne nea ɔtwɛn kosi nnafua apem ahaasa aduasa anum awiei no.
13 “Wo Daniel de, tintim kodu awiei. Wobɛhome, na nna no awiei no, wobɛsɔre na woakogye wo kyɛfa a ɛwɔ agyapade no mu.”