Mose Nhoma A Ɛto So Anum
Anaase
Deuteronomium
1
Wotu Fi Horeb
Eyi ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa wɔ sare no so wɔ Yordan apuei. Wɔbɔɔ atenae wɔ Yordan bon a ɛbɛn Suf, wɔ Paran, Tofel, Laban, Haserot ne Di-Sahab ntam no. Efi Horeb de kɔ Kades-Barnea no, ɔkwan a ɛfa bepɔw Seir no, yɛ nnafua dubaako kwan.
Israelfo fii Bepɔw Sinai no, afe a ɛto so aduanan no ɔsram dubaako no da a edi kan no, Mose kaa nsɛm a Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfo no pɛpɛɛpɛ kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa saa asɛm yi wɔ bere a na wɔadi Amorifo hene Sihon a na odi ade wɔ Hesbon ne Basanhene Og a na odi ade wɔ Astarot ne Edrei so nkonim.
Yordan apuei fam a ɛwɔ Moab asase so na Mose fii ase kyerɛkyerɛɛ mmara no mu se:
 
Awurade ka kyerɛɛ yɛn wɔ Horeb se: “Moatena saa bepɔw yi so akyɛ dodo. Muntutu nkɔtena Amorifo nkoko no so; monkɔtena nnipa a wɔbemmɛn Araba mmepɔw no mu ne atɔe mmepɔw ayaase hɔ nyinaa mu; monkɔ Negeb na momfa mpoano nkosi Kanaanfo asase so ne Lebanon nkodu Asubɔnten Eufrate ho. Muntie! Mede saa asase yi ama mo. Monkɔ na monkɔfa asase a Awurade hyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob ne wɔn asefo no.”
Akannifo No Yiyi
Saa bere no, meka kyerɛɛ mo se, “Me nko ara merentumi nyɛ mo ho adwuma. 10  Awurade, mo Nyankopɔn, ama mo ase adɔ enti nnɛ yi, mo ase afɛe te sɛ ɔsoro nsoromma. 11  Awurade mo agyanom Nyankopɔn mma mo nnɔ mmɔho mpempem na onhyira mo sɛnea wahyɛ mo bɔ no! 12 Na ɛbɛyɛ dɛn na me nko metumi asoa mo haw ne mo nnesoa ne mo ntawntaw? 13 Mompaw mmarima bi a wɔwɔ nyansa, ntease na wɔwɔ din pa mfi abusuakuw biara mu na memfa wɔn ntuatua mo ano.”
14 Mubuaa me se, “Dwuma a woasusuw sɛ wubedi no ye.”
15 Enti mede mo mmusuakuw mu mmarima atitiriw, anyansafo a wɔn anim wɔ nyam no tuatuaa mo ano apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum ne du du so mpanyin ne mo mmusuakuw so sɛ ahwɛfo. 16 Na atemmufo a wɔwɔ hɔ saa bere no nso, mehyɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ akasakasa ba anuanom ntam, sɛ asɛm no yɛ Israelni ne ne nua bi anaa Israelni ne ɔhɔho bi a, monhwɛ na mummu atɛntrenee. 17 Mo atemmu mu, mummmu ntɛnkyew. Muntie ɔketewa ne ɔkɛse pɛ. Munnsuro onipa biara, efisɛ Onyankopɔn na obu atɛn. Asɛm a ɛyɛ den ma mo no, momfa mmrɛ me na minni.” 18 Na saa bere no, mekaa biribiara a ɛsɛ sɛ moyɛ kyerɛɛ mo.
Wɔsoma Akwansrafo
19 Na sɛnea Awurade hyɛɛ yɛn no, yefii Horeb de yɛn ani kyerɛɛ Amorifo bepɔw a yɛnam sare pradada a moahu no so koduu Kades-Barnea. 20 Afei, meka kyerɛɛ mo se, “Moadu Amorifo bepɔw man a Awurade de rema yɛn no so. 21  Awurade, mo Nyankopɔn, de asase no ama mo. Momforo nkɔfa, sɛnea Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, ka kyerɛɛ mo no. Munnsuro: mommma obi mmu mo aba mu.”
22 Na mo nyinaa baa me nkyɛn bɛkae se, “Momma yɛnsoma mmarima nni yɛn anim na wɔnkɔsra asase no so mma yɛn na wɔmmɛka nea wobehu nkyerɛ yɛn na ɛno na ɛbɛkyerɛ yɛn kwan ne nkurow ko a yɛbɛfa so.”
23 Na saa nsusuwii yi ye ma me nti mepaw akwansrafo dumien a mo mmusuakuw dumien no mu nnipa biara wɔ mu. 24 Wɔforoo bepɔw no na wokoduu Eskol subon mu sraa hɔ. 25 Na wɔfaa asase no so aba bi de brɛɛ yɛn. Na wɔkae se, asase a Awurade yɛn Nyankopɔn de ama yɛn no yɛ asase pa.
Israelfo Atuatew
26 Nanso na mompɛ sɛ moforo kɔ soro. Motew Awurade asɛm so atua. 27 Munwiinwii wɔ mo ntamadan mu kae se, “Awurade tan yɛn nti na ɔde yɛn fi Misraim de yɛn abɛhyɛ Amorifo nsam sɛ wonkunkum yɛn no. 28 Yɛrekɔ he? Yɛn akwansrafo no amanneɛbɔ no abu yɛn aba mu. ‘Wɔka se nnipa yɛ atenten ahoɔdenfo sen yɛn. Wɔn nkurow yɛ akɛse a afasu a wɔatoto afa ho no kɔ sorosoro. Na mpo, yehuu Anakfo wɔ hɔ!’ ”
29 Na meka kyerɛɛ mo se, “Mommɔ hu, munnsuro wɔn. 30  Awurade di mo anim. Ɔbɛko ama mo sɛnea muhuu no sɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim no. 31 Na muhuu nso sɛnea Awurade kɔɔ so hwɛɛ mo ntoatoaso wɔ sare so ha sɛnea agya hwɛ ne ba no. Moatwa kwan no nyinaa de abedu beae ha.”
32 Nanso eyi nyinaa akyi no, moannya Awurade, mo Nyankopɔn no, mu awerehyɛmu. 33 Ɔno na odii mo akwantu no anim, pɛɛ beae pa maa mo tenae, de ogya dum kyerɛɛ mo kwan anadwo de omununkum dum kyerɛɛ mo kwan awia.
34  Awurade tee sɛ morenwiinwii no, ne bo fuw yiye na ɔkaa ntam se, 35 “Saa awo ntoatoaso bɔne yi mu onipa baako koraa nni hɔ a obehu asase pa a, maka ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no, 36 gye Yefune babarima Kaleb. Ɔno na obehu saa asase yi. Mede asase a ne nan sii so no bɛma ɔne nʼasefo, efisɛ ɔde ne koma nyinaa dii Awurade akyi.”
37 Me nso, esiane mo nti, Awurade bo fuw me. Ɔka kyerɛɛ me se, “Wo nan rensi Bɔhyɛ Asase no so da. 38 Na mmom, wo boafo Nun babarima Yosua na obedi ɔmanfo no anim akɔ asase no so. Hyɛ no nkuran, efisɛ obedi Israelfo no anim akɔfa asase no. 39 Mede asase no bɛma wo mma a wonnim biribiara. Wo mma a wonnim papa nnim bɔne no a na wusuro sɛ wɔbɛkyere wɔn nnommum no na mede asase no bɛma wɔn. Wɔn na wɔbɛtena asase no so. 40 Na wo de, dan wʼani kɔ sare so a ɛkeka kɔ Po Kɔkɔɔ no so hɔ.”
41 Ɛno na mugye too mu se “Yɛayɛ bɔne atia Awurade. Yɛbɛkɔ asase no so akɔko sɛnea Awurade aka akyerɛ yɛn no.” Enti mo mu biara faa nʼakode hyehyɛe. Na mususuwii sɛ ɔman a ɛda bepɔw so no sokɔ yɛ mmerɛw.
42 Nanso Awurade ka kyerɛɛ me se, “Ka kyerɛ wɔn se, ‘Monnkɔ hɔ nkɔko, efisɛ merenka mo ho nkɔ. Mo atamfo no bedi mo so.’ ”
43 Meka kyerɛɛ mo, nanso moantie. Mosɔre tiaa Awurade ahyɛde no na monam ahomaso so foro kɔɔ asase no so kɔkoe. 44 Amorifo a wɔte bepɔw no so nso sɔre baa mo so; wɔtaa mo sɛ nnowa, boroo mo fi Seir koduu Horma. 45 Afei, mosan ba besuu wɔ Awurade anim, nanso osiw nʼaso a wantie mo su no. 46 Ɛno nti, motenaa Kades nna bebree.