Ɛsra Nhoma
1
Yuda Nnommum No San Ba Yerusalem
Persiahene Kores afe a edi kan no mu no, Awurade kaa Kores koma ma ɔkyerɛw saa dawubɔ nsɛm yi de kɔɔ ahemman no nyinaa mu, maa Yeremia nkɔmhyɛ no baa mu.
Sɛnea Persiahene Kores* Na Kores Ahemman no trɛw fi India kosi Misraim, ɛtoaa so fi Po Kɔkɔɔ a ɛwɔ Persia Po no mu kosi Etiopia. ka ni:
Awurade, ɔsoro Nyankopɔn de ahemman a ɛwɔ asase so nyinaa ahyɛ me nsa. Wayi me sɛ minsi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so. Mo a moyɛ ne nkurɔfo nyinaa, monsan nkɔ Yerusalem wɔ Yuda, nsan nkosi saa Awurade, Israel Nyankopɔn, a ɔte Yerusalem no asɔredan. Na mo Nyankopɔn bɛka mo ho. Wɔn a wɔtete baabiara a Yudafo nkae no wɔ no, ɛsɛ sɛ wɔma Yudafo no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, akwantu nneɛma, nyɛmmoa ne koma pa mu afɔrebɔde a wɔde ma Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no, de boa wɔn akwantu no.
Na Onyankopɔn kaa Lewifo, Yuda ne Benyamin mmusuakuw ntuanofo no koma sɛ, wɔnsan mmra Yerusalem mmesiesie Awurade asɔredan no. Na wɔn afipamfo boa maa wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ne nyɛmmoa, ma wɔde tuu kwan no. Wɔmaa wɔn akyɛde pa bebree de kaa nea efi wɔn ankasa koma mu no ho.
Ɔhene Kores no ankasa de aboɔdenne a ɔhene Nebukadnessar tase fii Awurade asɔredan mu wɔ Yerusalem de koguu ɔno ankasa anyame asɔredan mu no bae. Kores hyɛɛ Persia ɔsannaani Mitredat sɛ ɔnkenkan saa nneɛma no nyinaa, na ɔmfa nhyɛ wɔn a wotwaa wɔn asu a wɔresan aba Yuda no panyin Sesbasar nsa.
 
Eyinom ne nneɛma a Kores de bɛkyɛe:
 
sikakɔkɔɔ nsiase 30
dwetɛ nsiase 1,000
dwetɛ ɔhyewsɛn 29
10 sikakɔkɔɔ hweaseammɔ 30
dwetɛ hweaseammɔ 410
nneɛma a ɛkeka ho 1,000
 
11 Ne nyinaa mu no, sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a wɔde maa Sesbasar sɛ ɔmfa nkɔ Yerusalem bere a wɔn a wotwaa wɔn asu fi Babilonia baa hɔ no dodow yɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ mpem anum ne ahannan (5,400).
 

*1:2 Na Kores Ahemman no trɛw fi India kosi Misraim, ɛtoaa so fi Po Kɔkɔɔ a ɛwɔ Persia Po no mu kosi Etiopia.