10
Bɔneka
Bere a Ɛsra rebɔ mpae, reka saa bɔne yi no, na ɔresu, de ne ho toto fam wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim, na nnipadɔm a wɔyɛ Israelfo, mmarima, mmea ne mmofra bɛkaa ne ho ne no twaa adwo. Na Yehiel babarima Sekania a ɔyɛ Elam aseni no ka kyerɛɛ Ɛsra se, “Yɛpae mu ka sɛ yɛanni yɛn Nyankopɔn nokware, efisɛ yɛawareware abosonsomfo mmea a wɔwɔ asase no so. Nanso eyi akyi no, anidaso wɔ hɔ ma Israel. Afei, momma yɛne yɛn Nyankopɔn nyɛ apam, na yennyaa yɛn yerenom abosonsomfo no aware, na yɛmpam wɔne wɔn mma. Yebetie afotu a wo ne afoforo a wodi yɛn Nyankopɔn mmara so no de ama yɛn. Yebedi Onyankopɔn mmara no so. Sɔre, na nya akokoduru, efisɛ ɛyɛ wʼasɛde sɛ wokyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so ama biribiara akɔ so tee, na yɛde yɛn ahoɔden nyinaa bɛboa.”
Na Ɛsra sɔre gyinae, na ɔhyɛɛ sɛ asɔfo no ntuanofo, Lewifo ne Israelfo nyinaa nka ntam sɛ wɔbɛyɛ nea Sekania aka no. Na wɔn nyinaa kaa ntam a ano yɛ den. Na Ɛsra sɔre fii Onyankopɔn Asɔredan no anim kɔɔ Eliasib babarima Yehohanan dan mu. Ɔdaa hɔ, nanso wannidi annom. Na ɔda so di awerɛhow esiane nnommum a wɔasan aba no nokware a wɔanni no nti.
Afei, wɔbɔɔ dawuru wɔ Yuda ne Yerusalem nyinaa se, nnommum a wɔasan aba no nyinaa mmra Yerusalem. Na wɔn a wɔamma nnansa ntam no, sɛ ntuanofo ne mpanyimfo pɛ a, wɔde wɔn nsa bɛto wɔn agyapade so, na wɔapam wɔn afi wɔn mu.
 
Nnansa ntam no, na Yudafo ne Benyaminfo aboa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. Asɛm yi sii wɔ Kislev ɔsram (bɛyɛ Ɔpɛnimma) da a ɛto so dunkron, na wɔn nyinaa tenatenaa aguabɔbea hɔ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no anim. Na wɔn ho repopo, efisɛ nea edi kan no, na asɛm no mu yɛ duru, na nea ɛto so abien no, na osu nso retɔ. 10 Na ɔsɔfo Ɛsra sɔre gyina kae se, “Moayɛ bɔne, efisɛ moawareware mmea abosonsomfo. Enti mprempren, yɛwɔ afɔbu a ano yɛ den mu sen kan de no. 11 Mompae mu nka mo bɔne nkyerɛ Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, na monyɛ nʼapɛde. Montwe mo ho mfi nnipa a wɔwɔ asase no so ne mmea abosonsomfo no ho.”
12 Afei bagua no nyinaa maa wɔn nne so ka se, “Ampa, wʼasɛm no yɛ nokware. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea woaka no. 13 Nanso nnipa bebree wɔ ha na ɛyɛ asusow bere, enti yɛrentumi ntena mfikyiri. Bio, yɛrentumi mfa da koro anaa nnaanu nni saa asɛm yi, efisɛ, yɛn mu bebree na saa bɔne kɛse yi ka yɛn. 14 Momma yɛn mpanyimfo nsi yɛn anan nyɛ biribiara. Obiara a ɔware ɔbea bosonsomni no ne ntuanofo ne atemmufo a wɔwɔ kurow yi mu behyia bere a wɔahyɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuwhyew a ɛfa saa asɛm yi ho no befi yɛn so.” 15 Asahel babarima Yonatan ne Tikwa babarima Yahasia na wotiaa saa asɛm yi mu, na Mesulam ne Sabetai a ɔyɛ Lewini no foaa wɔn so.
16 Enti eyi ne nhyehyɛe a wɔfaa so. Ɛsra yii ntuanofo ma wosii wɔn mmusua no anan, na ɔde din bi too ntuanoni biara so. Ɔsram Kislev (bɛyɛ Ɔpɛnimma) da a ɛto so aduonu akron no, ntuanofo no tenaa ase hwehwɛɛ asɛm no mu. 17 Afe a edi so no mu, Abib ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so aduonu ason no na wɔawie mmarima a wɔawareware mmea abosonsomfo no nyinaa ho asɛnka.
18 Asɔfo a na wɔawareware abosonsomfo no din ni:
Yosadak babarima Yesua ne ne nuabarimanom:
Maaseia, Elieser, Yarib ne Gedalia. 19 Wɔkaa ntam sɛ wobegyaa wɔn yerenom, wɔn mu biara gyee nʼafɔdi too mu, na wɔde adwennini bɛbɔɔ afɔdi ho afɔre.
20 Imer asefo mu no:
Hanani ne Sebadia.
21 Harim asefo mu no:
Maaseia, Elia, Semaia, Yehiel ne Usia.
22 Pashur asefo mu no:
Elioenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad ne Elasa.
 
23 Eyinom ne Lewifo a na afɔdi da wɔn so:
Yosabad, Simei, Kelaia, a ɛyɛ Kelita, Petahia, Yuda ne Elieser.
24 Nnwontofo a na afɔdi da ne so no yɛ:
Eliasib.
Eyinom ne aponanohwɛfo a na afɔdi da wɔn so:
Salum, Telem ne Uri.
 
25 Eyinom ne nnipa bi a wɔyɛ Israelfo a na afɔdi da wɔn so:
Paros asefo mu no:
Ramia, Yisia, Malkia, Miamin, Eleasar, Malkia ne Benaia.
26 Elam asefo mu no:
Matania, Sakaria, Yehiel, Abdi, Yeremot ne Elia.
27 Satu asefo mu no:
Elioenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad ne Asisa.
28 Bebai asefo mu no:
Yehohanan, Hanania, Sabai ne Atlai.
29 Bani asefo mu no:
Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal ne Yeremot.
30 Pahat-Moab asefo mu no:
Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Basaleel, Binui ne Manase.
31 Harim asefo mu no:
Elieser, Yisia, Malkia Semaia ne Simeon. 32 Benyamin, Maluk ne Semaria.
33 Hasum asefo mu no:
Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase ne Simei.
34 Bani asefo mu no:
Maadai, Amram ne Uel, 35 Benaia, Bedeia, Keluhi, 36 Wania, Meremot, Eliasib, 37 Matania, Matenai ne Yaasu.
38 Binui asefo mu no:
Simei, 39 Selemia, Natan, Adaia, 40 Maknadebai, Sasai, Sarai, 41 Asarel, Selemia, Semaria, 42 Salum, Amaria ne Yosef.
43 Nebo asefo mu no:
Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadau, Yoel ne Benaia.
 
44 Na mmarima yi mu biara aware ɔbea bosonsomni a na wɔn mu bi mpo ne wɔn yerenom yi wɔ mma.