Yakobo
Nhoma
1
Saa krataa yi fi me Yakobo a meyɛ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo somfo nkyɛn,
 
Mikyia mmusuakuw dumien a wɔahwete no nyinaa.
 
Gyidi Ne Nyansa
Anuanom, sɛ sɔhwɛ bi ba mo akwan mu a, momma mo ani nnye efisɛ sɛ mo gyidi tumi gyina sɔhwɛ no ano a, ɛno ansa na munya ntoboase. Momma ntoboase no ntena mo mu daa nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ pɛ a biribiara ho renhia mo. Sɛ nyansa* Ɛma anigye wɔ ɔhaw mu (nky. 2). Yennya nyansa kɛkɛ, na mmom, ɛyɛ honhom aba (3.13-18; Mmb 1.2-9) ho hia mo mu bi a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae srɛ Onyankopɔn na ɔbɛma no bi, efisɛ Onyankopɔn fi ayamye ne adom mu ma obiara nea ehia no no kwa. Na sɛ worebɔ mpae a, ɛsɛ sɛ wugye di a wunnye ho akyinnye. Obiara a ogye akyinnye no te sɛ po asorɔkye a mframa bɔ no kɔ baabiara a ɛpɛ. Ɛnsɛ sɛ saa onipa no susuw sɛ obenya biribiara afi Awurade nkyɛn; nʼadwene yɛ no ntanta a ontumi nsi biribiara pi.
Ohia Ne Ahonya
Sɛ Onyankopɔn ma onua hiani so a, ɛsɛ sɛ nʼani gye, 10 na adefo a wabrɛ wɔn ase no nso saa ara. Efisɛ, adefo no twam kɔ sɛ wuram afifide bi. 11 Owia pue de ne hyew no hyew afifide no ma nʼahoɔfɛ sɛe. Saa ara na wɔbɛsɛe adefo no wɔ bere a wogu so redi wɔn nnwuma no.
Sɔhwɛ
12 Nhyira nka onipa a onya gyidi wɔ amanehunu mu, efisɛ ɔno na obenya akyɛde a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ ama wɔn a wɔdɔ no no.
13 Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔka se, “Saa sɔhwɛ yi fi Onyankopɔn.” Efisɛ bɔne rentumi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno Onyankopɔn nso nsɔ obi nhwɛ. 14 Na sɛ onipa twe ne ho na ɔno ara nʼakɔnnɔ yi no a, na ayɛ sɔhwɛ ama no. 15 Na sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no nyin a ɛwo owu.
16 Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo. 17 Akyɛde pa ne akyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi ɔsoro; efi Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro hann no nkyɛn na ɛba. Ɔno na ɔnsesa sɛ sunsuma. 18 Ofi ne pɛ mu nam nokware a ɛwɔ asɛm no mu no so woo yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a, yebedi kan wɔ abɔde nyinaa mu.
Otie Ne Ɔyɛ
19 Me nuanom adɔfo, monhyɛ eyinom nsow: monyɛ ntɛm ntie, monyɛ nyaa nkasa na monyɛ nyaa mfa abufuw; 20 efisɛ onipa abufuw no mma onnya Onyankopɔn trenee no. 21 Ɛno nti, montwe mo ho mfi afide ne atirimɔden ho. Momfa mo ho mma Onyankopɔn na munnye asɛm a odua wɔ mo koma mu a ebegye mo nkwa no.
22 Munntie asɛm no sɛ atiefo kwa nsisi mo ho, na mmom monyɛ asɛm no yɛfo. 23 Obiara a otie asɛm no na ɔmfa nni dwuma no te sɛ obi a ɔhwɛ ahwehwɛ mu, na ohu sɛnea ɔte. 24 Ɔhwɛ ne ho wɔ ahwehwɛ no mu hu ne ho yiye na sɛ ofi ahwehwɛ no anim ara pɛ a, ne werɛ fi nea ohuu no nyinaa. 25 Nanso obiara a ɔhwɛ mmara a ɛyɛ pɛ, na ɛma onipa de ne ho no mu yiye, Kristosom nkyerɛkyerɛ a egyina Apam Dedaw mmara no so sɛnea wɔakyerɛw wɔ mmara nsɛm du no mu (Nnw 19.7) nanso Yesu Kristo bewiee ne nyinaa wɔ Mat 5.17; Rom 10.4. na odi so, na otie, na ne werɛ mfi, na ɔde di dwuma no, Onyankopɔn behyira saa onipa no wɔ biribiara a ɔyɛ mu.
26 Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ Onyamesomni na wanto ne tɛkrɛma nnareka a, ne nyamesom no so nni mfaso na ɔdaadaa ne ho nso. 27 Nea Agya Onyankopɔn fa no sɛ ɛyɛ onyamesom pa no ni: Ɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔ wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase porɔwee ho.

*1:5 Ɛma anigye wɔ ɔhaw mu (nky. 2). Yennya nyansa kɛkɛ, na mmom, ɛyɛ honhom aba (3.13-18; Mmb 1.2-9)

1:25 Kristosom nkyerɛkyerɛ a egyina Apam Dedaw mmara no so sɛnea wɔakyerɛw wɔ mmara nsɛm du no mu (Nnw 19.7) nanso Yesu Kristo bewiee ne nyinaa wɔ Mat 5.17; Rom 10.4.