Atemmufo Nhoma
1
Yuda Ne Simeon Fa Asase No
Yosua wu akyi no, Israelfo bisaa Awurade se, “Abusuakuw bɛn na ɛsɛ sɛ wɔkɔtow hyɛ Kanaanfo no so kan?”
Awurade buae se, “Yuda na ɛsɛ sɛ ɔkɔ; mede asase no sodi ahyɛ wɔn nsam.”
Enti Yuda ntuanofo no ka kyerɛɛ wɔn nuanom Simeon abusuakuw no se, “Mommɛka yɛn ho na yɛnko ntia Kanaanfo a wɔte asase a wɔde ama yɛn no so. Yɛn nso, yɛbɛboa mo ama moako afa mo asase.” Enti Simeonfo mmarima no ne Yudafo no kɔe.
Bere a Yuda kɔɔ wɔn so no, Awurade ma wodii Kanaanfo ne Perisifo no so nkonim, na wokunkum atamfo akofo mpem du wɔ Besek. Besek hɔ, wɔne ɔhene Adoni-Besek hyiae, na wɔko tiaa no, dii Kanaanfo no ne Perisifo no so nkonim. Adoni-Besek guanee, nanso ankyɛ na Israelfo kɔkyeree no twitwaa ne nsa ne ne nan kokurobeti.
Ɛmaa Adoni-Besek kae se, “Bere bi, na mewɔ Ahemfo aduɔson a wɔatwitwa wɔn kokurobeti na wɔbɛtasee mporoporowa wɔ me didipon ase. Afei, Awurade atua me nea meyɛɛ wɔn no so ka.” Wɔde no kɔɔ Yerusalem na owui wɔ hɔ.
Yuda mmarima no tow hyɛɛ Yerusalem so, dii so nkonim. Wokunkum kuropɔn no so nnipa nyinaa, too mu gya.
Ɛno akyi, wɔdan faa anafo fam, kɔtow hyɛɛ Kanaanfo a wɔtete bepɔw asase, Negeb ne atɔe fam nkoko so no so. 10 Yuda bɔ wuraa Kanaanfo a na wɔte Hebron a kan no na wɔfrɛ hɔ Kiriat-Arba no mu, dii Sesai, Ahima ne Talmai so. 11 Wofi hɔ kɔtoaa nnipa a wɔte Debir a kan no na wɔfrɛ hɔ (Kiriat-Sefer no).
12 Na Kaleb kae se, “Mede me babea Aksa bɛma obi a ɔbɛtow ahyɛ Kiriat-Sefer kurow no so na wadi so no aware.” 13 Ɛnna Kaleb nua kumaa Kenas babarima Otniel kɔfae. Enti Aksa bɛyɛɛ Otniel yere.
14 Aksa waree Otniel no, ɔka kyerɛɛ no se ommisa nʼagya Kaleb na ɔmma wɔn asase nka nea wɔwɔ no ho. Ofi nʼafurum so sii fam ara pɛ, Kaleb bisaa no se, “Asɛm bɛn? Dɛn na menyɛ mma wo?”
15 Obuae se, “Ma me nhyira bio. Woadom me ama me asase wɔ Negeb, na mesrɛ wo ma me asase a nsu wɔ so.” Enti Kaleb maa no atifi ne anafo nsubɔnten.
16 Bere a Yuda abusuakuw fii Yeriko no, Kenifo a wɔyɛ Mose ase barima asefo ne wɔn kɔɔ Yuda sare no so. Wɔtenaa nnipa a wɔwɔ hɔ no mu wɔ beae bi a ɛbɛn Arad a ɛwɔ Negeb.
17 Afei, Yuda ne Simeon ka bɔɔ mu ko tiaa Kanaanfo a wɔte Sefat no sɛee kurow no pasaa. Enti wɔtoo kurow no din Horma. 18 Ɛno akyi, Yuda ko faa nkuropɔn Gasa, Askelon ne Ekron ne wɔn nsase a atwa wɔn ho ahyia.
Israel Antumi Amfa Asase No
19 Na Awurade ka Yuda nkurɔfo ho nti, ɛmaa wɔfaa bepɔw nsase no. Nanso wɔantumi ampam nnipa a wɔte tataw so no amfi hɔ, efisɛ na wɔwɔ nnade nteaseɛnam. 20 Wɔde Hebron kuropɔn maa Kaleb sɛnea na Mose ahyɛ ho bɔ no. Na Kaleb pam nnipa a na wɔyɛ Anak mmabarima baasa no asefo no fii hɔ. 21 Benyamin abusuakuw no antumi ampam Yebusifo a na wɔte Yerusalem no. Enti ebesi nnɛ yi, Yebusifo ne Benyamin nkurɔfo da so te Yerusalem.
22 Yosef asefo kɔtow hyɛɛ Bet-El kurow no so, na Awurade kaa wɔn ho. 23 Wɔsomaa akwansrafo kɔɔ Bet-El (a kan no na wɔfrɛ no Lus) hɔ. 24 Wɔde nsɛmmisa puapuaa ɔbarima bi a na ofi kuropɔn no mu reba. Wɔka kyerɛɛ no se, “Kyerɛ yɛn ɔkwan a wɔde kɔ kuropɔn no mu na yɛn nso, yebehu wo mmɔbɔ.” 25 Enti ɔkyerɛɛ wɔn kuropɔn no kwan ma wokokunkum kuropɔn no mu nnipa nyinaa, na wogyaw ɔbarima no ne nʼabusuafo. 26 Akyiri no, ɔbarima no tutu kɔɔ Hetifo asase so. Ɔkyekyeree kuropɔn wɔ hɔ. Ɔtoo kuropɔn no din Lus. Na saa din no da kuropɔn no so de besi nnɛ.
27 Manase abusuakuw no nso antumi ampam nnipa a na wɔte Bet-Sean, Taanak, Dor, Yibleam, Megido ne wɔn nkuraase no, efisɛ na Kanaanfo no aka se, sɛnea ɛte biara, ɛhɔ ara na wɔpɛ sɛ wɔtena. 28 Israelfo no nyaa ahoɔden kakra no, wɔhyɛɛ Kanaanfo no ma wɔyɛɛ nnwuma sɛ nkoa maa wɔn na wɔampam wɔn amfi asase no so. 29 Efraim abusuakuw no nso antumi antu Kanaanfo a na wɔte Geser no enti Kanaanfo no kɔɔ so ne wɔn tenae. 30 Sebulon abusuakuw no antumi antu Kanaanfo a na wɔte Kitron ne Nahalol, nti wɔkɔɔ so ne wɔn tenae. Nanso wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. 31 Aser abusuakuw no nso antumi antu wɔn a na wɔte Ako, Sidon, Ahlab, Aksib, Helba, Afik ne Rehob. 32 Nokware, esiane sɛ wɔantumi antu wɔn no nti, Kanaanfo no dɔɔso wɔ asase a Aserfo no te so no so. 33 Naftali abusuakuw no nso antumi antu wɔn a na wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat. Mmom, Kanaanfo no dɔɔso wɔ asase a wɔte so no so. Nanso wɔhyɛɛ nnipa a wɔte Bet-Semes ne Bet-Anat ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa maa Naftali nkurɔfo. 34 Dan abusuakuw no de, Amorifo hyɛɛ wɔn ma wotu kɔɔ bepɔw nsase no so na wɔamma wɔn amma tataw so hɔ. 35 Amorifo no sii wɔn adwene pi sɛ, wɔbɛtena Heres bepɔw so wɔ Ayalon ne Saalbim, nanso Yosef asefo no yɛɛ den mmoroso no, wɔhyɛɛ Amorifo no ma wɔyɛɛ adwuma sɛ nkoa. 36 Na Amorifo hye fi Akrabbim atrapoe kɔ Sela na ɛtoa so kɔ atifi fam.