Odiyifo
Yoɛl
Nhoma
1
Awurade asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoel so ni.
Mmoadabi San Tue
Muntie saa asɛm yi, mo mpanyimfo;
muntie, mo a mote asase no so nyinaa.
Asɛm bi a ɛte sɛɛ asi mo mmere so
anaa mo mpanyimfo mmere so pɛn?
Monka nkyerɛ mo mma,
na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mma
na wɔn mma nso nka nkyerɛ awo ntoatoaso a edi so no.
Nea mmoadabikuw no gyawee no,
mmoadabi akɛse no awe;
nea mmoadabi akɛse no gyawee no,
mmoadabi nkumaa no awe;
nea mmoadabi nkumaa no gyawee no,
mmoadabi afoforo awe.
Mo asabowfo, munnyan, na munsu!
Mo a monom bobesa nyinaa, muntwa adwo;
muntwa adwo, nsa foforo no nti,
efisɛ wɔahuam afi mo ano.
Ɔman bi atu mʼasase so sa;
dɔm a wɔyɛ den na wontumi nkan wɔn;
wɔn se te sɛ gyata se
na wɔwɔ gyatabere sebɔmmɔfo.
Wasɛe me bobe
ne me borɔdɔma nnua.
Wawaawae nnua no ho bona,
atow agu
agyaw ne mman ho fitaa.
 
Di awerɛhow sɛ ababaa a ofura atweaatam
na ɔresu ne kunu a ɔwaree no ne mmabaabere mu.
Aduan ne ahwiesa afɔrebɔde,
wɔayi afi Awurade fi.
Asɔfo no retwa adwo,
wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim no.
10 Mfuw asɛe,
asase no so awo wosee
aduan no asɛe
nsa foforo no ayow
ngo nyinaa asa.
11 Mo ani nwu, mo akuafo,
muntwa adwo, mo a mudua bobe;
Munsi apini mma awi ne atoko,
efisɛ otwabere no asɛe.
12 Bobe no akisa
na borɔdɔma nnua no awuwu.
Atoaa nnua, mmedua, aprɛ ne
nnua a ɛwɔ mfuw no so nyinaa ahyew.
Nokware, anigye a nnipa wɔ no
atu ayera.
13 Mumfura atweaatam na munni awerɛhow, asɔfo;
mo a mosom wɔ afɔremuka anim, muntwa adwo.
Mumfura atweaatam mmesi pɛ,
mo a mosom wɔ Onyankopɔn anim;
efisɛ aduan ne ahwiesa afɔrebɔde no
to atwa wɔ Onyankopɔn fi.
14 Mommɔ mmuadadi kronkron ho dawuru;
momfrɛ nhyiamu kronkron.
Momfrɛ mpanyimfo
ne wɔn a wɔte asase no so nyinaa
mmra Awurade mo Nyankopɔn fi
na wommesu mfrɛ Awurade.
 
15 A, da no de!
Awurade da no abɛn;
Ɛbɛba sɛ ɔsɛe a efi Otumfo hɔ.
16 So aduan ho nkɔɔ wɛn, a yɛani tua,
anigye ne ahosɛpɛw to atwa
wɔ yɛn Nyankopɔn fi ana?
17 Aba no wu wɔ asase wosee mu,
adekoradan abubu,
aburowpata nso so nni mfaso,
efisɛ nnuan no ahyew.
18 Sɛnea anantwi su!
na anantwikuw kyinkyin kwa.
Nguankuw mpo rebrɛ
efisɛ wonni didibea.
19  Awurade, wo na misu frɛ wo,
efisɛ ogya ahyew sare so adidibea,
na ogyatannaa ahyew mfuw no so nnua nyinaa.
20 Wuram mmoa mpo pere hwehwɛ wo.
Nsuwansuwa ayoyow,
na ogya ahyew sare so adidibea.