Odiyifo
Yona
Nhoma
1
Yona Guan Awurade
Awurade asɛm baa Amitai babarima Yona nkyɛn se, “Kɔ kuropɔn Ninewe mu na kɔka asɛmpa no tia wɔn, efisɛ wɔn atirimɔdensɛm aforo abedu mʼanim.”
Nanso Yona guan fii Awurade anim na ɔde nʼani kyerɛɛ Tarsis. Ɔkɔɔ Yopa, na okonyaa hyɛn wɔ hɔ a na ɛrekɔ Tarsis. Otuaa ka kɔtenaa hyɛn no mu, sɛ ɔrefi Awurade anim akɔ Tarsis.
Nanso Awurade maa mframa kɛse bi bɔɔ wɔ po no so; ɛmaa ahum tui a, anka hyɛn no rebɛbɔ. Hyɛn no mufo no nyinaa suroe, na obiara su frɛɛ ne nyame. Wɔtotoo aguade a ɛwɔ hyɛn no mu guguu po no mu sɛnea hyɛn no mu bɛyɛ hare.
Nanso na Yona akɔhyɛ hyɛn no ase baabi ada hatee. Na hyɛn no so panyin no kɔɔ ne nkyɛn kɔkae se, “Adɛn na woada? Sɔre na frɛ wo nyame! Ebia, obehu yɛn mmɔbɔ, na yɛanwuwu.”
Afei hyɛn no mufo no keka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Momma yɛmmɔ ntonto nhwehwɛ nea saa amanehunu yi nam ne so aba.” Wɔbɔɔ ntonto no na ɛbɔɔ Yona. Enti wobisaa no se, “Kyerɛ yɛn, hena na wama saa ɔhaw yi nyinaa aba? Adwuma bɛn na woyɛ? Ɛhe na wufi? Ɔman bɛn so na wufi? Ɛhefo ne wo nkurɔfo?”
Obuae se, “Meyɛ Hebrini, na mesom Awurade, ɔsoro Nyankopɔn a, ɔbɔɔ po ne asase.”
10 Eyi bɔɔ wɔn hu, enti wobisaa Yona se, “Dɛn na woayɛ?” (Na wonim sɛ ɔreguan afi Awurade nkyɛn, efisɛ na waka saa akyerɛ wɔn dedaw).
11 Na ahum no kɔ so tu denneennen ara. Enti wobisaa no se, “Dɛn na yɛnyɛ wo a ɛbɛma ahum yi ano abrɛ ase ama yɛn?”
12 Yona buaa wɔn se, “Momma me so ntow me nkyene po yi mu, na ano bedwo. Minim sɛ me nti na ahum kɛse yi retu wɔ mo so.”
13 Mmarima no yɛɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛhare hyɛn no akɔ mpoano. Nanso, wɔantumi, esiane sɛ na po no so ahum no ano ayɛ den asen kan no. 14 Afei wosu frɛɛ Awurade se, “Awurade yɛsrɛ wo mma yennwuwu sɛ yɛama ɔbarima yi ahwere ne nkwa nti. Mma yennni fɔ wɔ ɔbarima yi mogya ho, efisɛ, Awurade wayɛ nea wopɛ.” 15 Afei, wɔmaa Yona so tow no kyenee po no mu, na po a na ehuru so no yɛɛ komm. 16 Eyi maa mmarima no suroo Awurade pa ara na wɔbɔɔ afɔre maa Awurade, na wɔhyɛɛ no bɔ.
Yona Mpaebɔ
17 Na Awurade maa bonsu kɛse bi bɛmenee Yona, na Yona daa bonsu no yam nnansa, awia ne anadwo.