Yosua Nhoma
1
Onyankopɔn Yɛ Yosua Ɔkannifo
Mose a ɔyɛ Awurade somfo no wu akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Nun babarima Yosua, Mose boafo no se, “Afei a me somfo Mose awu no, ɛsɛ sɛ wudi me nkurɔfo no anim kotwa Asubɔnten Yordan kɔ asase a mede rema wɔn no so.* Na Israelfo no wɔ Sitim (2.1) Moab tataw so (5 Mose 34.3) a ɛbɛn Yordan. Sɛnea mehyɛɛ Mose bɔ no, baabiara a wode wo nan besi no, mede bɛma wo. Efi Negeb sare a ɛwɔ anafo fam kosi Lebanon mmepɔw a ɛwɔ atifi fam, efi Asubɔnten Eufrate a ɛwɔ apuei fam kosi Ntam Po a ɛwɔ atɔe fam, ne Hetifo asase nyinaa. Obiara rentumi nsɔre ntia wo, wo nkwanna nyinaa. Sɛnea na mekaa Mose ho no, saa ara na mɛka wo ho. Merennyaw wo na merempa wʼakyi da. Wo ho nyɛ den na yɛ nnam, efisɛ wubedi me nkurɔfo yi anim akɔfa asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no nyinaa.
“Wo ho nyɛ den na yɛ nnam. Di mmara a Mose de maa wo no nyinaa so. Mfi ho, na wubedi nkonim biribiara a woyɛ mu. Sua saa Mmara Nhoma yi bere biara. Dwen ho awia ne anadwo, sɛnea ɛbɛma woayɛ biribiara a wɔakyerɛw wɔ mu no. Saa na ɛbɛma asi wo yiye. Mehyɛ wo sɛ, yɛ den na yɛ nnam! Nsuro, na mma wʼaba mu mmu, na Awurade wo Nyankopɔn ka wo ho baabiara a wobɛkɔ.”
Yosua Kyerɛ Nea Israelfo Nyɛ
10 Afei, Yosua hyɛɛ Israel ntuanofo no se, 11 “Momfa atenae no mu na monka nkyerɛ nnipa no ma wonsiesie wɔn nnuan. Nnansa akyi no, mubetwa Asubɔnten Yordan na moakɔfa asase a Awurade, mo Nyankopɔn, de ama mo no.”
12 Afei Yosua frɛɛ Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusua no fa. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, 13 “Monkae ahyɛde a Awurade somfo Mose maa mo no: ‘Awurade, mo Nyankopɔn, rema mo ɔhome na ɔde asase yi ama mo.’ 14 Mo yerenom, mo mma ne mo anantwi bɛtena Yordan apuei fam ha. Nanso, mo akofo a wɔasiesie wɔn ho ama ɔkɔ no bedi mmusuakuw a aka no anim atwa Yordan, na wɔaboa ma wɔafa asase no. Mo ne wɔn ntena hɔ 15 nkosi sɛ Awurade bɛma wɔn ɔhome sɛnea wayɛ ama mo no. Na wɔn nso bedi asase a Awurade, mo Nyankopɔn de rema wɔn no so. Ɛno ansa na mode Yordan apuei fam ha asase a Mose a ɔyɛ Awurade somfo de maa mo no, bɛyɛ mo atenae.”
16 Wobuaa Yosua se, “Nea woahyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nyinaa yɛbɛyɛ, na baabiara a wobɛsoma yɛn nso, yɛbɛkɔ. 17 Yɛbɛyɛ osetie ama wo sɛnea yɛyɛ maa Mose no. Awurade wo Nyankopɔn, nni wʼakyi sɛnea odii Mose akyi no. 18 Obiara a ɔbɛtew wʼasɛm so atua na wanni wʼahyɛde mu biara so no, wonkum no. Enti, hyɛ wo ho den na nya akokoduru!”

*1:2 Na Israelfo no wɔ Sitim (2.1) Moab tataw so (5 Mose 34.3) a ɛbɛn Yordan.