Luka
Asɛmpa No
1
Hann A Ɛwɔ Sum Mu
Adamfo pa Teofilo, nnipa pii abɔ mmɔden akyerɛw Yesu ho nsɛm a akɔ so wɔ yɛn mu no. Wɔkyerɛw faa nsɛm a wɔaka akyerɛ yɛn a nnipa a wohuu saa nneɛma yi fi mfiase no nam so daa no adi no ho. Nanso minyaa adwene bi sɛ, sɛ mehwehwɛ nea wɔakyerɛw no nyinaa mu yiye na mekyerɛw brɛ wo a, eye. Eyi bɛboa wo ma woahu nokware a ɛwɔ nea woasua no nyinaa mu.
Osuboni Yohane Awo Ho Nkɔmhyɛ
Mede mʼasɛm no befi Yudafo sɔfo Sakaria a ɔtenaa ase wɔ Yudeahene Herode bere so a na ofi Abia asɔfokuw mu no so. Sakaria yere Elisabet nso, na ɔyɛ Aaron aseni. Na Sakaria ne ne yere Elisabet som Onyankopɔn nokware mu a wɔn ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim. Na wonni ɔba, efisɛ na Elisabet yɛ obonin. Na wɔn baanu nyinaa nso anyinyin.
Da bi a eduu Sakaria asɔfokuw so sɛ wɔyɛ asɔredan mu adwuma no, wɔtow aba yii no sɛ, ɔnkɔhyew aduhuam wɔ ɔhyew afɔremuka no so. 10 Saa bere no ara nso na asafo no rebɔ mpae wɔ adiwo hɔ sɛnea wɔtaa yɛ no.
11 Sakaria gu so rehyew aduhuam no, prɛko pɛ, Awurade bɔfo begyinaa afɔremuka no nkyɛn mu wɔ nifa so. 12 Sakaria huu no no, ɔbɔɔ piriw na ne ho popoe. 13 Nanso ɔsoro ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no se, “Sakaria, nsuro, Awurade Nyankopɔn ate wo mpaebɔ. Wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane. 14 Nʼawo bɛma wʼani agye na wo ho asɛpɛw wo. Saa ara na ɛbɛma nnipa bebree nso ani agye. 15 Ɔbɛyɛ ɔkɛse wɔ Awurade anim. Ɔrennom nsa biara da, na Honhom Kronkron bɛyɛ no ma afi ne na yam. 16 Israelfo pii nam nʼasɛnka so benya adwensakra asan aba Awurade, wɔn Nyankopɔn, nkyɛn. 17 Obenya Odiyifo Elia honhom ahoɔden no bi, na obedi Agyenkwa no ba no anim abesiesie nnipa ama ne ba a ɔbɛba no. Nʼasɛnka bɛma ntease aba agyanom ne wɔn mma ntam. Na ɔbɛdan Awurade asɛm no ho asoɔdenfo adwene akɔ Awurade pɛ ho.”
18 Sakaria buaa ɔbɔfo no se, “Ɛbɛyɛ dɛn na eyi aba mu? Mabɔ akwakoraa na me yere nso abɔ aberewa.”
19 Ɔbɔfo no kae se, “Mene Gabriel a migyina Onyankopɔn anim daa no. Ɔno na ɔsomaa me se memmɛka asɛmpa yi nkyerɛ wo. 20 Esiane sɛ woagye akyinnye nti, wobɛtɔ mum akosi sɛ wɔbɛwo abofra no. Na nea maka akyerɛ wo yi nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ wɔ ne bere a ɛsɛ mu.”
21 Saa bere yi nyinaa na asafo mma no retwɛn Sakaria sɛ ɔbɛba.* Na nnipa no retwɛn sɛ Sakaria befi Kronkronbea hɔ aba na wabɛma wɔn Aaron nhyira (4 Mose 6.24-26). Na ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ wakyɛ saa. 22 Bere a ɔbae no, wantumi ankasa ankyerɛ asafomma no. Wohu fii ne nneyɛe mu sɛ wahu nʼani so ade wɔ asɔredan mu hɔ.
23 Owiee nʼasɔfodwuma wɔ asɔredan mu hɔ no, ɔkɔɔ fie. 24 Nna bi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee, na ɔde ne ho siee asram anum. 25 Ɔde anigye kae se, “Awurade ayɛ me adɔe. Wayi animguase a ɛkaa me wɔ nnipa anim no afi me so.”
Yesu Awo Ho Nkɔmhyɛ
26 Elisabet nyinsɛn asram asia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfo Gabriel kɔɔ Galilea akuraa bi a wɔfrɛ no Nasaret no ase 27 se, ɔnkɔ ɔbea kronkron bi a wɔfrɛ no Maria a na wɔde no ama Yosef a ofi Ɔhene Dawid abusua mu no aware no nkyɛn. 28 Gabriel huu no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ no se, “Asomdwoe nka wo! Awurade ka wo ho, wo a Awurade adom wo.”
29 Ɔbɔfo no asɛm no maa Maria adwene mu yɛɛ no nnaa ma obisaa ne ho se, “Na saa nkyia yi ase ne dɛn?” 30 Ɔbɔfo no san ka kyerɛɛ Maria bio se, “Maria, nsuro, efisɛ Awurade adom wo. 31 Tie! Ɛrenkyɛ biara wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu. 32 Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoro Nyankopɔn Ba. Na Awurade de ne nena Dawid ahengua no bɛma no. 33 Na obedi Yakob fi so hene daa; na nʼahenni to rentwa da.”
34 Maria bisaa ɔbɔfo no se, “Na ɛbɛyɛ dɛn na mawo wɔ bere a ɔbarima nhuu me da?”
35 Ɔbɔfo no buae se, “Honhom Kronkron bɛba wo so na Ɔsorosoro Nyankopɔn tumi abɛkata wo so, eyi nti abofra a wobɛwo no no bɛyɛ kronkron na wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba. 36 Ɛbɛyɛ asram asia ni a wo busuani Elisabet mpo a ɔyɛ obonin anyinsɛn ɔbabarima wɔ ne mmerewabere mu. 37 Efisɛ Onyankopɔn de, biribiara nso no yɛ.”
38 Maria kae se, “Me de, meyɛ Awurade afenaa. Nea Awurade pɛ na ɛnyɛ.” Afei, ɔbɔfo no gyaw no hɔ kɔe.
Maria Kɔsra Elisabet
39 Nna kakra bi akyi no, Maria kɔɔ Yudea mmepɔw so kurow bi mu. 40 Saa kurow no mu na Sakaria te. Oduu kurow no mu hɔ no, ɔkɔɔ Sakaria fi kɔsraa Elisabet. Okyiaa no. 41 Elisabet tee Maria nkyia no, ɔba a ɔda ne yam no kekaa ne ho; amono mu hɔ ara na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma. 42 Elisabet de ahosɛpɛw teɛɛ mu se, “Maria, wɔahyira wo sen mmea nyinaa, na wo ba a wobɛwo no no bɛyɛ onipa kɛse. 43 Anuonyam bɛn na ɛsen eyi. Me sɛɛ ne hena a anka mʼAwurade bɛba abɛsra me? 44 Wukyiaa me pɛ, na abofra no de anigye kekaa ne ho. 45 Nhyira nka wo sɛ wugye dii sɛ nea Onyankopɔn aka no ɔbɛyɛ; ɛno nti na wɔadom wo yi.”
Maria Ayeyi Dwom
46 Maria kae se,
“Me kra kamfo Awurade.
47 Na me honhom ani gye mʼagyenkwa Nyankopɔn mu;
48 efisɛ wahu nʼafenaa mmɔborɔni mmɔbɔ,
na efi nnɛ, awo ntoatoaso nyinaa bɛfrɛ me nea Onyankopɔn ahyira no.
49 Efisɛ Ɔkronkronni Tumfo no ayɛ ade kɛse ama me;
50 nʼahummɔbɔ fi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso
ma wɔn a wosuro no na wodi no ni no nyinaa.
51 Ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no
abɔ ahomasofo ne ahantanfo ne wɔn nsusuwii apete.
52 Watu abirɛmpɔn ade so
ama ahobrɛasefo so.
53 Wama wɔn a ahia wɔn no nnepa
na wagya ahonyafo kwan nsapan.
54 Waboa nʼakoa Israel
na ne werɛ amfi ne mmɔborɔhunu ne ne bɔ
55 a ɔhyɛɛ yɛn agya Abraham ne nʼasefo no da.”
56 Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ asram abiɛsa ansa na ɔresan akɔ ne kurom.
Osuboni Yohane Awo
57 Elisabet awo duu so no, ɔwoo ɔbabarima. 58 Nʼafipamfo ne nʼabusuafo tee adɔe a Awurade ayɛ no no, wɔne no nyinaa de anigye dii ahurusi.
59 Eduu nnaawɔtwe no, abusuafo ne adɔfo behyiaa sɛ wɔrebetwa abofra no twetia na wɔato ne din. Wɔpɛɛ sɛ wɔde abofra no to nʼagya Sakaria. 60 Nanso ne na kae se, “Dabi! Ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no Yohane.”
61 Wɔka kyerɛɛ no se, “Obiara nni abusua yi mu a wɔfrɛ no saa.”
62 Eyi ma wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne bisaa nʼagya, din a wɔmfa nto abofra no. 63 Sakaria ma wɔde krataa brɛɛ no na ɔkyerɛw so se, “Ne din de Yohane.” Eyi yɛɛ wɔn nyinaa nwonwa. 64 Amono mu hɔ ara, Sakaria tumi kasaa bio, na ofii ase yii Onyankopɔn ayɛ. 65 Wɔn a wɔtee nyinaa ho dwiriw wɔn, na saa asɛm yi trɛw faa Yudea mmepɔw so hɔ nyinaa. 66 Obiara a ɔtee saa nsɛm yi bisaa ne ho se, “Ɛno de, na dɛn na abofra yi rebenyin ayɛ? Ɛda adi pefee sɛ Awurade nsa wɔ ne so.”
Sakaria Nkɔmhyɛ
67 Honhom hyɛɛ nʼagya Sakaria ma ma ɔhyɛɛ nkɔm se,
68 “Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn,
sɛ waba abegye ne manfo.
69 Ɔde Agyenkwa Tumfo a ɔyɛ ne somfo Dawid aseni rebrɛ yɛn,
70 sɛnea ɔnam nʼadiyifo akronkron so fii teteete hyɛɛ bɔ
71 sɛ, ɔbɛma yɛn Agyenkwa a obegye yɛn afi yɛn atamfo
ne wɔn a wokyi yɛn no nsam no,
72 sɛ obehu yɛn agyanom mmɔbɔ
na wakae nʼapam kronkron no,
73 ntam a ɔka kyerɛɛ yɛn agya Abraham no:
74 sɛ obegye yɛn afi yɛn atamfo nsam no,
na yɛasom no a osuro biara nni mu.
75 Na yɛn nkwa nna nyinaa mu, yɛayɛ kronkron ne atreneefo wɔ nʼanim.
 
 
76 “Na wo, akokoaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no Odiyifo
efisɛ wo na wubesiesie ɔkwan ama Agyenkwa no,
77 na wobɛkyerɛ ne manfo kwan a
wɔnam bɔnefakyɛ so nya nkwa a enni awiei;
78 na eyinom nyinaa bɛba mu efisɛ
Onyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no,
79 na ɛbɛma hann a efi ɔsoro abepue yɛn so
ahyerɛn wɔn a wɔte sum ne owu sum mu no so,
na akyerɛ yɛn kwan akɔ asomdwoe mu.”
80 Abofra no nyinii na honhom hyɛɛ no ma; ɔtenaa sare so kosii bere a ofii nʼasɛnka adwuma ase.

*1:21 Na nnipa no retwɛn sɛ Sakaria befi Kronkronbea hɔ aba na wabɛma wɔn Aaron nhyira (4 Mose 6.24-26).