Odiyifo
Malaki
Nhoma
1
Nkɔmhyɛ nsɛm a Awurade nam Odiyifo Malaki so de maa Israel.
Wɔdɔ Yakob, Wɔtan Esau
“Madɔ mo,” sɛnea Awurade se ni.
“Nanso mubisa se, ‘Wodɔɔ yɛn wɔ ɔkwan bɛn so?’ ”
Na Awurade bua se, “Esau nyɛ Yakob nua ana? Nanso madɔ Yakob, na matan Esau, mayɛ nʼasase mmepɔwmmepɔw no kesee, na nʼagyapade nso magyaw ama nweatam so nnompo.”
Ebia Edom bɛka se, “Ɛwɔ mu sɛ wɔadwerɛw yɛn de, nanso yɛbɛsan asi mmubui no.”
Nanso sɛɛ na Asafo Awurade nso se: “Wobesi nanso mebubu no. Wɔbɛfrɛ wɔn Amumɔyɛ Asase, nnipa a Awurade abufuw bɛtena wɔn so daa. Mode mo ankasa ani behu na moaka se, ‘Awurade kɛseyɛ tra Israel ahye nyinaa!’
Afɔrebɔ A Ɛmfata
“Ɔbabarima de obu ma nʼagya, na ɔsomfo de nidi ma ne wura. Sɛ meyɛ Agya a, nidi a ɛsɛ sɛ wɔde ma me no wɔ he? Sɛ meyɛ Owura a, obu a ɛfata me no wɔ he?” Eyi na Asafo Awurade bisa.
“Mo asɔfo, mo na mosɛe me din.
“Na mubisa se, ‘Ɔkwan bɛn na yɛnam so asɛe wo din?’
“Mode aduan a ho agu fi begu mʼafɔremuka so.
“Afei mubisa se ‘Ɔkwan bɛn so na yɛafa agu wo ho fi?’
“Sɛ mokae se, Awurade pon ho yɛ aniwu nti. Sɛ mode mmoa a wɔn ani abɔ bɔ afɔre a, ɛnyɛ mmusu? Sɛ mode mmoa a wɔyare anaa wɔyɛ mpakye bɔ afɔre a, ɛnyɛ mmusu? Ɛyɛ a, momfa akyɛde a ɛte saa no nkɔma mo amrado, na monhwɛ sɛ, nʼani bɛsɔ na wagye wo ato mu ana?” Nea Asafo Awurade se ni.
“Afei monsrɛ Onyankopɔn, na onhu yɛn mmɔbɔ. Sɛ afɔrebɔde sɛɛ fi mo nkyɛn a obegye mo ato mu ana?” Asafo Awurade na ɔrebisa.
10 “Anka mepɛ sɛ mo mu baako kɔtoto asɔre dan no apon mu, na obi ankɔsɔ ogya a ɛmfata wɔ mʼafɔremuka so! Mʼani nsɔ mo na merennye afɔrebɔde biara a efi mo nkyɛn,” sɛnea Asafo Awurade se ni. 11 “Efi nea owia pue kosi nea owia kɔtɔ, me din bɛyɛ kɛse wɔ amanaman no mu. Baabiara, wɔde afɔrebɔde a ɛho tew ne nnuhuam bɛbrɛ me, efisɛ, me din bɛyɛ kɛse wɔ amanaman no mu,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
12 “Nanso mode kasa fi ka se Awurade pon ho ntew. Na mubu so aduan nso animtiaa. 13 Na moka se, ‘Adesoa duruduru!’ Na muhua no animtiaabu kwan so,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
“Sɛ mode mmoa a wɔapirapira, wɔyɛ mpakye anaa wɔyareyare bɛbɔ afɔre ma me a, minso mu ana?” Eyi na Awurade bisa. 14 “Nnome nka osisifo a ɔwɔ odwennini a ɔfata wɔ ne nguankuw mu, na ɔhyɛ bɔ sɛ ɔde no bɛma nanso ɔde nea wadi dɛm na ɛbɔ afɔre ma Awurade. Meyɛ ɔhempɔn, na ɛsɛ sɛ wosuro me din wɔ amanaman mu,” sɛnea Asafo Awurade se ni.