Odiyifo
Mika
Nhoma
1
Awurade de saa nsɛm yi brɛɛ Moresetni Mika* Mika nkyerɛase ne “Hena na ɔte sɛ Awurade,” a ɛfa Samaria ne Yerusalem ho: Saa nkuropɔn abien yi gyina hɔ ma Israel ne Yuda. Atemmu a Mika hyɛɛ ho nkɔm no fa aman abien no ho na ɛmfa wɔn nkuropɔn no nko ho. bere a na Yotam, Ahas ne Hesekia di ade wɔ Yuda no. Anisoade a ohu faa Samaria ne Yerusalem ho.
 
 
Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa,
muntie, asase ne mo a mote so nyinaa.
Otumfo Awurade redi adanse atia mo,
ɔkasa fi nʼasɔredan kronkron no mu.
Atemmu A Etia Samaria Ne Yerusalem
Monhwɛ! Awurade fi nʼatenae reba;
ɔresian na ɔnam asase sorɔnsorɔmmea so.
Mmepɔw nan wɔ nʼase,
aku mu paapae
te sɛ ama a aka ogya,
te sɛ nsu a ɛresian waa fi koko so.
Eyi nyinaa yɛ Yakob nnebɔne,
ne bɔne ahorow a ɛwɔ Israel fi nti.
Yakob nnebɔne ne dɛn?
Ɛnyɛ Samaria ana?
Na he ne Yuda sorɔnsorɔmmea?
Ɛnyɛ Yerusalem ana?
 
“Enti mɛyɛ Samaria kurow no nnwiriwii siw,
baabi a wɔbɛyɛ bobe turo.
Mehwie nʼabo agu obon mu
ama ne fapem ho ada hɔ.
Wobebubu nʼahoni nyinaa mu asinasin;
wɔde ogya bɛhyew nʼasɔredan mu ayɛyɛde nyinaa.
Mɛsɛe ne nsɛsode nyinaa.
Esiane sɛ nʼakyɛde a waboa ano no nyinaa,
onya fii nguamanfo akatua mu no nti
wɔde bɛma nguamanfo.”
Osu Ne Awerɛhow
Eyinom nti mesu atwa agyaadwo;
mede adagyaw bɛnantew na merenhyɛ mpaboa.
Mɛworo so sɛ odompo
na masu sɛ patu.
Nʼapirakuru no wu ayɛ den;
abedu Yuda.
Abedu me nkurɔfo pon ano
mpo adu Yerusalem ankasa.
10 Monnka no wɔ Gat
munnsu koraa
Mo a mowɔ Bet-Leafra de,
monyantam mfutuma mu.
11 Monsen nkɔ adagyaw ne aniwu mu,
mo a mote Safir.
Wɔn a wɔte Saanan ntumi mpue.
Bet-Esel wɔ awerɛhow mu;
efisɛ, wo hɔ na onya ne bammɔ.
12 Wɔn a wɔte Marot de ɔyaw nunununu wɔn mu
de twɛn mmoa,
efisɛ amanehunu a efi Awurade hɔ aba
abedu Yerusalem pon ano.
13 Mo a mote Lakis,
munsiesie nteaseɛnam no.
Mone bɔne farebae
ma Ɔbabea Sion,
na mudii Israel anim kɔɔ bɔne mu.
14 Enti mode ntetewmu akyɛde bɛma Moreset-Gat,
Aksib kurow bɛdaadaa Israel ahemfo.
15 Mede nkonimdifo bɛtoa mo;
mo a mote Maresa.
Nea ɔyɛ Israel onuonyamfo no
bɛba Adulam.
16 Munyi mo tinwi mfa nni awerɛhow,
wɔ mma a mo ani gye wɔn ho no ho;
mommɔ tikwaw te sɛ opete,
efisɛ, wɔbɛfa wɔn afi mo nkyɛn
akɔ nnommum mu.

*1:1 Mika nkyerɛase ne “Hena na ɔte sɛ Awurade,” a ɛfa Samaria ne Yerusalem ho: Saa nkuropɔn abien yi gyina hɔ ma Israel ne Yuda. Atemmu a Mika hyɛɛ ho nkɔm no fa aman abien no ho na ɛmfa wɔn nkuropɔn no nko ho.