Marko
Asɛmpa No
1
Osuboni Yohane Asɛnka
Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no ho no mfiase ni. Wɔakyerɛw wɔ Odiyifo Yesaia nhoma no mu se,
“Mɛsoma me bɔfo adi wʼanim kan.
Ɔno na obesiesie ɔkwan ama wo.”
“Obi nne reteɛ mu wɔ sare so,
‘Munsiesie ɔkwan mma Awurade,
mommɔ akwan a ɛteɛ mma no.’ ”
Enti Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ sare so, ɔkaa adwensakra asubɔ a ɛma bɔnefakyɛ ho asɛm. Nnipa fifi Yerusalem ne Yudea nkurow nyinaa so kohuu Yohane tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu. Na Yohane hyɛ atade a wɔde yoma nwi na apam a aboa nhoma abɔso nso bɔ mu. Na nʼaduan yɛ mmoadabi ne ɛwo. Ɔrekyerɛkyerɛ no, ɔkae se, “Ɛrenkyɛ koraa, obi bɛba a ɔwɔ tumi sen me, a ne mpaboa hama mpo, mensɛ sɛ mekotow na masan. Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, na ɔno de, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!”
Yesu Asubɔ Ne Ne Sɔhwɛ
Saa bere no mu na Yesu fi Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu ba maa Yohane bɔɔ no asu wɔ asubɔnten Yordan mu. 10 Yesu fii asu no mu sii konkɔn so ara pɛ, ohuu sɛ ɔsoro abue, na Honhom Kronkron resian sɛ aborɔnoma aba ne so. 11 Na nne bi fi ɔsoro kae se, “Wone me Dɔba a wosɔ mʼani.”
12 Ɛhɔ ara, Honhom Kronkron de Yesu kɔɔ sare so. 13 Ɔtenaa hɔ adaduanan a na wuram mmoa na ɛka ne ho. Ɛhɔ na ɔbonsam sɔɔ no hwɛe. Akyiri no, abɔfo ba bɛsom no.
14 Ɔhene Herode kyeree Yohane akyi no, Yesu kɔɔ Galilea kɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ. 15 Ɔkae se, “Bere no awie du! Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene na munnye asɛmpa no nni!”
Yesu Bɔ Asɛmpa No Ho Amanneɛ
16 Da bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ohuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asau. 17 Yesu frɛɛ wɔn se, “Mummedi mʼakyi! Na mɛma mo ayɛ nnipayifo.” 18 Ɛhɔ ara, wogyaw wɔn asau no guu hɔ kodii nʼakyi.
19 Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ohuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane, na ɔbaako nso de Yakobo, sɛ wɔte ɔkorow mu reyɛ wɔn asau ho adwuma. 20 Ɔfrɛɛ wɔn nso se wommedi nʼakyi. Ntɛm ara na wogyaw wɔn agya Sebedeo ne nʼapaafo hɔ wɔ ɔkorow no mu bedii nʼakyi.
Yesu Tu Honhommɔne
21 Yesu ne nʼakyidifo yi beduu Kapernaum. Na Homeda duu no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa asɛmpa no. 22 Nnipa no tee asɛm no maa wɔn ho dwiriw wɔn, efisɛ ɔkasaa te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na mmom wankasa sɛ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no. 23 Amono mu hɔ ara na ɔbarima bi a ɔwɔ wɔn hyiadan no mu hɔ a ɔwɔ honhommɔne teɛɛ mu se, 24 “Dɛn na wo Nasareni Yesu ne yɛn wɔ yɛ? Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn ana? Minim wo sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no!”
25 Yesu teɛteɛɛ honhommɔne no se, “Mua wʼano! Fi ne mu kɔ!” 26 Honhommɔne no wosow saa ɔbarima no na ɔteɛteɛɛ mu dennen maa ne tu kɔe.
27 Nnipa no nyinaa ho dwiriw wɔn ma wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se. “Nkyerɛkyerɛ foforo bɛn ni? Ahonhommɔne mpo tie ne nne!” 28 Saa anwonwade a ɔyɛe yi ho nsɛm trɛw faa Galileaman mu nyinaa.
Yesu Sa Nyarewa
29 Wofii hyiadan no mu no, wɔne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea fi. 30 Na Simon asebea da mpa so a atiridii akyere no, na wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ Yesu. 31 Yesu kɔɔ faako a ɔda hɔ kosoo ne nsa ma ɔsɔre tenaa ase. Ɛhɔ ara na atiridii no tu fii ne so ma ofii ase twɛn wɔn.
32 Eduu anwummere no, nnipa no de ayarefo ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa wɔn yare. 33 Kurow mu no nyinaa bɛboaa wɔn ho ano wɔ ofi no abobow ano, 34 na Yesu saa ayarefo bebree yare. Otuu ahonhommɔne bebree nso. Nanso, wamma ahonhommɔne no ankasa, efisɛ, na wonim no.
Yesu Twee Ne Ho Kɔbɔɔ Mpae
35 Ahemadakye a na anim ntetewee no, Yesu sɔre fii fie hɔ kɔɔ baabi a ɛhɔ yɛ dinn, kɔbɔɔ mpae wɔ hɔ. 36 Simon ne wɔn a wɔka ne ho fii adi kɔhwehwɛɛ no, 37 na wohuu no no, wɔteɛɛ mu kae se, “Nnipa bebree rehwehwɛ wo!”
38 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛsɛ sɛ yɛkɔ nkurow a aka no so, na mekɔka mʼasɛm kyerɛ wɔn, efisɛ, ɛno nti na mebae.” 39 Enti, ɔkɔɔ Galileaman mu baabiara kɔkaa asɛmpa no wɔ asɔredan mu, tuu ahonhommɔne bebree nso.
Yesu Sa Ɔkwatani Bi Yare
40 Ɔkwatani bi bɛkotow no srɛɛ no sɛ, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, wubetumi ama me ho afi.”
41 Yesu huu ɔkwatani no mmɔbɔ, enti ɔde ne nsa kaa no kae se, “Mepɛ! Wo ho mfi!” 42 Amono mu hɔ ara, ne ho fi maa ne ho tɔɔ no!
43 Yesu bɔɔ nʼano denneennen se, 44  “Nka saa asɛm yi nkyerɛ obiara, na mmom fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo. Sɛ worekɔ a fa wʼafɔrebɔde a Mose ahyɛ sɛ akwatafo a wɔasa wɔn yare mfa nka wɔn ho nkɔ no ka wo ho kɔ sɛnea ɛbɛma obiara ahu sɛ wo ho atɔ wo.” 45 Nanso ɔrekɔ no nyinaa, na ɔde nteɛteɛmu rebɔ nʼayaresa no ho dawuru. Esiane eyi nti sɛ Yesu kɔ baabiara a, nnipadɔm betwa ne ho hyia. Ɛno nti na baabiara a ɔbɛkɔ no onnyi ne ho adi. Enti ɔtenaa sare so hɔ maa nnipa bebree baa ne nkyɛn.