2
Nehemia Kɔ Yerusalem
Nisan ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) wɔ Ɔhene Artasasta adedi afe a ɛto so aduonu mu no, na merehyɛ ɔhene nsa. De besi saa bere no, na menyɛɛ mʼanim bosaa wɔ ɔhene anim da, enti ɔhene no bisaa me se, “Adɛn nti na wʼanim ayɛ bosaa nanso wonyare yi? Wosɛ obi a ɔhaw kɛse bi da ne so.”
Ehu kɛse tɔɔ me so, nanso mibuae se, “Ɔhene nkwa so! Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ me werɛ how? Kuropɔn a wosiee me mpanyimfo wɔ mu no abubu, na wɔahyew nʼapon no nyinaa.”
Ɔhene no bisae se, “Dɛn na wohwehwɛ?”
Na mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae, buae se, “Sɛ ɛsɔ Ɔhempɔn ani, na sɛ me, wo somfo, mesɔ wʼani a, ɛno de ma menkɔ Yuda nkosiesie kuropɔn a wɔasie mʼagyanom wɔ mu no.”
Bere a ɔhemmea te Ɔhene nkyɛn no, Ɔhene no bisae se, “Wokɔ a, wubedi nna ahe? Da bɛn na wobɛsan aba?” Ɔhene penee so, na mekyerɛɛ da a mesi mu.
Afei, meka kyerɛɛ ɔhene se, “Ɔhempɔn, sɛ ɛsɔ wʼani a ma me nkrataa nkɔma amradofo a wɔwɔ mantam a ɛda Asubɔnten Eufrate agya no, na wɔmma me kwan mma memfa wɔn mantam mu nkɔ Yuda. Na mesrɛ sɛ, ma me krataa nkɔma Asaf a ɔhwɛ ɔhene kwae so na ɔmma me nnua. Mede bɛyɛ mpuran ama Asɔredan no aban ano apon, kuropɔn no afasu ne mʼankasa me fi” Na ɔhene no penee saa abisade yi nyinaa so, efisɛ, na Onyankopɔn adom nsa no wɔ me so.
Miduu amradofo a wɔwɔ Asubɔnten Eufrate agya no nkyɛn no, mede ɔhene nkrataa no maa wɔn. Nea ɛka ho ne sɛ, ɔhene maa asraafo ne apɔnkɔsotefo kaa me ho bɔɔ me ho ban. 10 Nanso Haronini Sanbalat* Na Sanbalat yɛ amrado wɔ Samaria. ne Amonni Tobia a wɔyɛ mpanyimfo tee sɛ mabedu no, wɔn bo fuw yiye sɛ obi aba hɔ a ɔpɛ sɛ ɔboa Israel.
Nehemia Kɔhwɛ Yerusalem Ɔfasu No
11 Miduu Yerusalem nnansa akyi no, 12 mefaa nnipa kakraa bi kaa me ho, fii hɔ anadwo no. Manka nhyehyɛe a Onyankopɔn de ahyɛ me koma mu wɔ Yerusalem ho no ankyerɛ obiara. Yɛamfa mmoa biara anka yɛn ho sɛ afurum a mete ne so no nko.
13 Mefaa Obon Pon no ano, twaa Ɔwɔ Abura no ho kosii Sumina Pon Sumina Pon no mu na na Yudafo de mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔre no fa kɔ Ben-Heinnom subon mu (3.13-14; 2 Ah 23.10). no ano, kɔhwɛɛ afasu ne apon a ahyew no. 14 Afei, mefaa Asuti Pon no ho kosii Ɔhene Abura no ho, nanso na ɔkwan turodoo nni hɔ ma mʼafurum no. 15 Enti mefaa Kidron Bon no ho mmom, kɔhwɛɛ ɔfasu no ansa na meresan abɛfa Obon Pon no mu bio. 16 Na kuropɔn no mu mpanyimfo nnim sɛ makɔ hɔ, na wonnim nea mereyɛ nso, efisɛ na menkaa asɛm biara a ɛfa mʼadwene a mayɛ ho nkyerɛɛ obiara ɛ. Na me ne asɔre mpanyimfo, amanyɛ ntuanofo, adwumayɛfo anaa mmapɔmma no mu biara nkasaa ɛ.
17 Na afei, meka kyerɛɛ wɔn se, “Munim amanne a ato yɛn kuropɔn yi yiye. Abubu na nʼapon nso ahyew. Momma yɛnto Yerusalem fasu no bio mfa mpepa animguase a ato yɛn yi!” 18 Afei, mekaa sɛnea Onyankopɔn adom nsa aba me so no ne me nkɔmmɔ a me ne ɔhene dii no kyerɛɛ wɔn.
Wobuaa prɛko pɛ se, “Ɛyɛ asɛm pa: Momma yɛnto ɔfasu no bio!” Enti wofii adwuma pa yi ase.
19 Bere a Sanbalat, Tobia ne Arabni Gesem tee yɛn nhyehyɛe no, wodii yɛn ho fɛw, na wobuu animtiaa kae se, “Dɛn na moreyɛ yi, na moretew ɔhene anim atua sɛɛ?”
20 Na mibuae se, “Ɔsoro Nyankopɔn bɛboa yɛn ama yɛadi nkonim. Yɛn a yɛyɛ nʼasomfo befi ase ato ɔfasu yi bio. Nanso mo de munni kyɛfa biara wɔ Yerusalem.”

*2:10 Na Sanbalat yɛ amrado wɔ Samaria.

2:13 Sumina Pon no mu na na Yudafo de mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔre no fa kɔ Ben-Heinnom subon mu (3.13-14; 2 Ah 23.10).