Mose Nhoma A Ɛto So Anan
Anaasɛ
Numeri
1
Nnipakan
Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Ahyiae Ntamadan a ɛwɔ Sinai nweatam so. Eyi sii wɔ mfe abien a Israelfo fii Misraim no akyi, ɔsram a ɛto so abien no da a edi kan. Ɔkae se: “Gyina Israelfo no mmusuakuw ne wɔn mmusua so kan wɔn nyinaa. Kyerɛw ɔbarima biara din. Wo ne Aaron na mobɛkan mmarima a wɔadi mfe aduonu no ne nea ɛboro saa a wotumi kɔ ɔsa. Ɔbarima a ofi abusuakuw biara mu a ɔyɛ ntuanoni na ɛsɛ sɛ ɔboa mo.
 
“Mmarima a wɔbɛboa mo no din ni:
 
“Ruben abusuakuw no ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur;
Simeon abusuakuw no ntuanoni ne Surisadai babarima Selumiel;
Yuda abusuakuw no ntuanoni ne Aminadab babarima Nahson;
Isakar abusuakuw no ntuanoni ne Suar babarima Netanel;
Sebulon abusuakuw no ntuanoni ne Helon babarima Eliab;
10 Yosef mmabarima no:
Efraim abusuakuw no ntuanoni ne Amihud babarima Elisama;
Manase abusuakuw no ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel;
11 Benyamin abusuakuw ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan;
12 Dan abusuakuw ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser;
13 Aser abusuakuw ntuanoni ne Okran babarima Pagiel;
14 Gad abusuakuw ntuanoni ne Deguel babarima Eliasaf;
15 Naftali abusuakuw ntuanoni ne Enan babarima Ahira.”
 
16 Eyinom ne mmarima a woyii wɔn fii nnipa no mu, a wɔyɛ wɔn agyanom mmusua no ntuanofo.
 
17 Mose ne Aaron faa saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi, 18 na da a edi kan wɔ ɔsram a ɛto so abien no mu no, wɔfrɛɛ ɔmanfo no nyinaa. Nnipa no nam wɔn mmusuakuw ne wɔn mmusua so kyerɛɛ wɔn anato na wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa no din mmaako mmaako, 19 sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. Enti ɔkan wɔn wɔ Sinai sare so.
 
20 Ruben a ɔyɛ Israel abakan asefo:
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wotumi kɔ ɔsa no, wɔkyerɛw wɔn din mmaako mmaako sɛnea wɔn mmusua te. 21 Nnipa dodow a wofi Ruben abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan asia ne ahannum (46,500).
 
22 Simeon asefo:
Mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no, wɔkyerɛw wɔn din mmaako mmaako sɛnea wɔn mmusua te. 23 Nnipa dodow a wofi Simeon abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum akron ne ahaasa (59,300).
 
24 Gad asefo:
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. 25 Nnipa dodow a wofi Gad abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan anum ahansia ne aduonum (45,650).
 
26 Yuda asefo:
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. 27 Nnipa dodow a wofi Yuda abusuakuw no mu no yɛ mpem aduɔson anan ne ahansia (74,600).
 
28 Isakar asefo:
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. 29 Nnipa dodow a wofi Isakar abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum anan ne ahannan (54,400).
 
30 Sebulon asefo:
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. 31 Nnipa dodow a wofi Sebulon abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum ason ne ahannan (57,400).
 
32 Yosef mmabarima no:
Efraim asefo:
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. 33 Nnipa dodow a wofi Efraim abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan ne ahannum (40,500).
34 Manase asefo:
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. 35 Nnipa dodow a wofi Manase abusuakuw no mu no yɛ mpem aduasa abien ne ahannu (32,200).
 
36 Benyamin asefo:
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. 37 Nnipa dodow a wofi Benyamin abusuakuw no mu no yɛ mpem aduasa anum ne ahannan (35,400).
 
38 Dan asefo:
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. 39 Nnipa dodow a wofi Dan abusuakuw no mu no yɛ mpem aduosia abien ne ahanson (62,700).
 
40 Aser asefo:
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. 41 Nnipa dodow a wofi Aser abusuakuw no mu no yɛ mpem aduanan baako ne ahannum (41,000).
 
42 Naftali asefo:
Wɔkyerɛw mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa a wobetumi akɔ ɔsa no din sɛnea wɔn mmusua te. 43 Nnipa dodow a wofi Naftali abusuakuw no mu no yɛ mpem aduonum abiɛsa ne ahannan (53,400).
 
44 Eyinom ne mmarima a Mose ne Aaron ne Israel mmusuakuw dumien no ntuanofo kan wɔn. 45 Israelfo a na wɔadi mfe aduonu anaa nea ɛboro saa no a wobetumi adɔm Israel asraafodɔm no nso, wogyinaa wɔn mmusua so kan wɔn. 46 Na wɔn nyinaa dodow yɛ mpem ahansia ne abiɛsa ne ahannum aduonum (603,550).
 
47 Mmusua a wɔwɔ Lewi abusuakuw no de, wɔankan wɔn anka wɔn a aka no ho. 48 Na Awurade aka akyerɛ Mose se, 49 “Nkan Lewifo abusuakuw no, na mfa wɔn nka Israelfo a wɔaka no ho. 50 Fa Ahyiae Ntamadan no ho dwumadi hyɛ Lewifo no nsa. Wɔnhwɛ nneɛma a wɔde asiesie mu ne nea ɛkeka ho nyinaa so. Wɔn na wɔbɛsoa Ahyiae Ntamadan no ne mu nneɛma, wɔbɛhwɛ so na wɔatenatena ho. 51 Bere biara a ɛsɛ sɛ wotu Ahyiae Ntamadan no, Lewifo no na ɛsɛ sɛ wotutu, na baabiara a wɔde besi no, wɔn na wɔbɛyɛ. Onipa foforo biara a ɔbɛbɛn ho no, wobekum no. 52 Israel abusuakuw biara benya ne tenabea ne ne frankaa. 53 Lewifo no besisi wɔn ntamadan atwa Ahyiae Ntamadan no ho ahyia, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abufuwhyew remma Israelfo no so. Lewifo no na wɔbɛhwɛ Ahyiae Ntamadan no so.”
54 Israelfo no yɛɛ eyinom nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.