Mmebusɛm
1
Botae Ne Nsɛmpɔw
Dawid babarima Salomo, Israelhene, mmebusɛm ni:
Ne botae ne sɛ ɛbɛkyerɛ nnipa nyansa ne ahohyɛso;
ne sɛ ɛbɛboa ama wɔate nsɛm a emu dɔ ase;
sɛ wobenya akwankyerɛ wɔ abrabɔ pa mu,
a ɛbɛma wɔayɛ ade pa, nea ɛteɛ na ho nni asɛm;
sɛ ɛbɛma nea nʼadwene mu nnɔ anya nyansa
na mmabun anya nimdeɛ ne adwene,
anyansafo ntie na wɔmfa nka nea wonim ho,
na nea ɔwɔ nhumu nya akwankyerɛ a
ɛbɛma wate mmɛ ne kasammebu,
anyansafo nsɛnka ne abisaa ase.
 
Awurade suro yɛ nimdeɛ mfiase,
na nkwaseafo bu nyansa ne ahohyɛso animtiaa.
Nyansapɛ Ho Afotusɛm
Nnaadaa Ho Kɔkɔbɔ
Me ba, tie wʼagya akwankyerɛ
na mpo wo na nkyerɛkyerɛ.
Ɛbɛyɛ wo ti anuonyam abotiri
ne wo kɔn mu atweaban.
 
10 Me ba, sɛ nnebɔneyɛfo twetwe wo a,
mma wɔn ho kwan.
11 Sɛ wɔka se, “Bra ma yɛnkɔ;
ma yɛnkɔtetɛw na yenkum obi,
ma yɛnkɔtɛw ntwɛn mmɔborɔni bi;
12 ma yɛmmemene wɔn anikann sɛ ɔda,
koraa, te sɛ wɔn a wɔkɔ ɔda mu;
13 yebenya nneɛma a ɛsom bo ahorow
na yɛde asade ahyɛ yɛn afi ma;
14 fa wo ho bɛhyɛ mu,
na wubenya wo kyɛfa wɔ ahonyade no mu.”
15 Me ba, wo ne wɔn nnantew,
mfa wo nan nsi wɔn akwan so;
16 Wɔn anan de ntɛmpɛ kɔ bɔne mu,
na wɔde ahoɔhare ka mogya gu.
17 So nni mfaso sɛ obi besum nnomaafiri
wɔ beae a anomaa biara hu!
18 Saa nnipa yi tetɛw pɛ wɔn ankasa mogya;
wɔtetɛw wɔn ankasa wɔn ho!
19 Saa na wɔn a wodi akorɔnne akyi no awiei te;
ɛma wɔhwere wɔn nkwa!
Nyansa A Wɔpo Ho Kɔkɔbɔ
20 Nyansa teɛ mu wɔ mmɔnten so,
ɔma ne nne so wɔ aguabɔbea,
21 ɔteɛ mu wɔ afasu no atifi,
ɔkasa wɔ kuropɔn no apon ano se,
 
22 “Mo adwenharefo, mobɛyɛ adwenhare akosi da bɛn?
Fɛwdifo bedi fɛw akosi da bɛn?
Nkwaseafo bekyi nimdeɛ akosi da bɛn?
23 Sɛ mutiee mʼanimka a,
anka mekaa me koma mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ mo
ma muhuu me nsusuwii.
24 Nanso sɛ muyii mo aso, bere a mefrɛɛ mo
na amfa obiara ho, bere a meteɛɛ me nsa mu,
25 sɛ mopoo mʼafotu,
na moampɛ mʼanimka nti,
26 me nso mɛserew mo wɔ mo amanehunu mu;
sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so a, midi mo ho fɛw,
27 sɛ abɛbrɛsɛ bi bu fa mo so te sɛ ahum,
na amanehunu bi bɔ fa mo so sɛ mfɛtɛ,
na awerɛhow ne ɔhaw mene mo a,
 
28 “Afei wɔbɛfrɛ me, nanso meremmua;
wɔbɛhwehwɛ me, nanso wɔrenhu me.
29 Esiane sɛ wokyii nimdeɛ
na wɔampɛ sɛ wobesuro Awurade,
30 sɛ wɔpoo mʼafotu,
na wobuu me nteɛso animtiaa nti,
31 wobedi wɔn akwan so aba;
na wɔn nhyehyɛe mu aduan bɛmee wɔn.
32 Na ntetekwaafo asoɔden bekum wɔn,
na nkwaseafo tirimudɛ bɛsɛe wɔn;
33 Nanso obiara a obetie me no, ɔbɛtena ase asomdwoe mu
na ne ho bɛtɔ no a ɔrensuro ɔhaw biara.”